Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 11:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na ohuu borɔdɔma bi wɔ akyiri sɛ nhaban wɔ so no, ɔkɔɔ hɔ sɛ ebia obehu biribi wɔ so anaa. Na oduu ho no, wanhu hwee sɛ ahaban nko ara; efisɛ borɔdɔma bere nnui ɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na ɔhunuu borɔdɔma bi wɔ akyiri sɛ ahahan wɔ soɔ no, ɔkɔɔ hɔ sɛ ebia ɔbɛhunu biribi wɔ so anaa? Na ɔduruu ho no, wanhunu hwee sɛ ahahan nko ara; ɛfiri sɛ na borɔdɔma berɛ nnuruiɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔkɔɔ kakra no, ohuu sɛ borɔdɔma dua bi si hɔ a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ aduaba no bi wɔ so ana. Nanso oduu hɔ no ohuu sɛ nhaban nko ara na ɛwɔ so. Saa bere no nso na ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ borɔdɔma no sow.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔhunuu borɔdɔma bi wɔ akyiri sɛ ahahan wɔ soɔ no, ɔkɔɔ hɔ sɛ ebia ɔbɛhunu biribi wɔ so anaa? Na ɔduruu ho no, wanhunu hwee sɛ ahahan nko ara; ɛfiri sɛ na borɔdɔma berɛ nnuruiɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔkɔɔ kakra no, ɔhunuu sɛ borɔdɔma dua bi si hɔ a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ aduaba no bi wɔ so anaa. Nanso, ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ nhahan nko ara na ɛwɔ so. Saa ɛberɛ no nso, na ɛnyɛ ɛberɛ a ɛsɛ sɛ borɔdɔma no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na ohuu borɔdɔma bi wɔ akyiri sɛ nhaban wɔ so no, ɔkɔɔ hɔ sɛ ebia obehu biribi wɔ so anaa. Na oduu ho no, wanhu hwee sɛ ahaban nko ara; efisɛ borɔdɔma bere nnui ɛ.

Ver Capítulo Copiar




Marko 11:13
10 Referencias Cruzadas  

na ɔfɛtɛw mu tutuu mu abo, na ɔtetɛw mu bobe pa, na ɔtoo abantenten sii mu, na otuu mu nsa-kyi-amoa nso; na ɔtwɛnee sɛ ɛbɛsow obobe aba. Ɛnna ɛsow abuntwɛre.


Na asafo AWURADE bobeturo ne Israel fi, na Yudafo ne n’afuw a ɔdɔ ho; na ɔhwehwɛɛ atemmu, na hwɛ, mogyahwiegu na ohui; ɔhwehwɛɛ trenee, na hwɛ, nteɛm na ɔtee.


Na ohuu borɔdɔma bi ɔkwan so no, otwiw bɛn ho, na wanhu hwee wɔ so sɛ nhaban nko. Na osee no sɛ: Worensow aba bio ara da! Amonom hɔ ara na borɔdɔma nhaban no poe.


Na ade kyee a wofi Betania reba no, ɔkɔm dee no.


Na ɔkasa kyerɛɛ borɔdɔma no sɛ: Obiara renni wo so aba bio da! Na n’asuafo no tee.


Na ɛbae sɛ ɔsɔfo bi bɛfaa ɔkwan no so; na obehuu no no, otwaa ne ho kɔe.


Na ɔkɔ kodii mpɛpɛw afuw mu wɔ awitwafo no akyi; na okofii afuw bi a ɛyɛ Boas a ofi Elimelek abusua mu no de mu.


Na monhwɛ: Sɛ ɛfa n’ankasa ne hye so kwan foro kɔ Bet-semes a, ɛnne na ɔno na ɔyɛ yɛn bɔne kɛse yi; na sɛ anyɛ saa a, na yɛahu sɛ ɛnyɛ ɔno na ne nsa haw yɛn, na asiane bi na asiane yɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios