Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Yohane bae bɛbɔɔ asu sare so, na ɔkaa adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔnefakyɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, na ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛde kɔ bɔne fakyɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ sare so, ɔkaa adwensakra asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, na ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛde kɔ bɔne fakyɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Yohane bae bɛbɔɔ asu sare so, na ɔkaa adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔnefakyɛ mu.

Ver Capítulo Copiar




Marko 1:4
11 Referencias Cruzadas  

Me de, mebɔ mo asu nsu mu kɔ adwensakra mu, na nea odi m’akyi reba no de, ne ho yɛ den sen me; ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.


na wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu asubɔnten Yordan mu.


Na Yudea asase nyinaa sofo ne Yerusalemfo fi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn nyinaa asu wɔ asubɔnten Yordan mu.


na wode nkwagye ho nimdeɛ ama ne man, wɔ wɔn bɔnefakyɛ a


Na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, efisɛ asuasu pii wɔ hɔ; na wɔbaa hɔ ma wɔbɔɔ wɔn asu.


Mo ara munim asɛm a asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no akyi, efii ase Galilea na ɛbaa Yudea nyinaa no,


Na afei, adɛn na wotwentwɛn wo nan ase? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios