Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 2:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Nna no mu no, mmara bi fi Kaesare Augusto nkyɛn bae sɛ wɔnkan wiasefo nyinaa nkyerɛw wɔn din.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Nna no mu no, mmara bi firi Kaesare Augusto nkyɛn baa sɛ wɔnkan wiasefoɔ nyinaa, ntwerɛ wɔn din.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa bere no na Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma hempɔn no hyɛɛ mmara bi se wɔnkan ne man no mu nnipa nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Nna no mu no, mmara bi firi Kaesare Augusto nkyɛn baa sɛ wɔnkan wiasefoɔ nyinaa, ntwerɛ wɔn din.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Saa ɛberɛ no mu no, Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma ɔhempɔn hyɛɛ mmara bi sɛ wɔnkan ne ɔman no mu nnipa nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Nna no mu no, mmara bi fi Kaesare Augusto nkyɛn bae sɛ wɔnkan wiasefo nyinaa nkyerɛw wɔn din.

Ver Capítulo Copiar




Luka 2:1
13 Referencias Cruzadas  

Enti kyerɛ yɛn nea wudwen. Ɛwɔ ho kwan sɛ woyi tow ma Kaesare anaasɛ wonnyi?


Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.


Nokware mise mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, nea ɔbea yi ayɛ nso wɔbɛka de ayɛ no nkae.


Na osee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔde nyinaa.


Na nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn kurom kɔkyerɛw wɔn din.


kɔkyerɛw ɔne ne siyere Maria a n'awo abɛn no din.


Na Kaesare Tiberio ahenni afe a ɛto so dunum mu no, na Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinhene, na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti asase so, Lisania di Abilene mansinhene,


Na wɔn mu biako a ne din de Agabo sɔre nam Honhom so kyerɛe sɛ ɔkɔm kɛse rebɛba asase nyinaa so; ɛno na ɛbaa mu Klaudio bere so no.


Na sɛ midi fɔ anaasɛ mayɛ biribi a ɛsɛ owu a, menhwehwɛ sɛ owu no bɛpare me; na sɛ nneɛma a enti wɔtoto m’ano yi biara nnim a, obiara ntumi mfa me nhyɛ wo nsa. Mede asɛm no medan Kaesare.


Na Paulo srɛɛ sɛ wɔmfa no nsie ntwɛn Ɔhempɔn no ano asɛm. Eyi nti mehyɛe sɛ wɔmfa no nsie kosi sɛ mede no bɛkɔ Kaesare anim.


Nea edi kan ne sɛ mo nyinaa nti, menam Yesu Kristo so meda me Nyankopɔn ase, efisɛ wɔka mo gyidi ho asɛm wiase nyinaa.


Ahotefo no nyinaa kyiakyia mo, ne titiriw no wɔn a wofi Kaesare fi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios