Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Onuonyamfo kɛse Teofilo, ɛyɛɛ me sɛ, eye sɛ me nso, mahwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ fi mfiase no, mekyerɛw no nnidiso nnidiso mebrɛ wo,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Onimuonyamfoɔ kɛse Teofilo, ɛyɛɛ me sɛ, ɛyɛ sɛ me nso, mahwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ firi mfitiaseɛ no, metwerɛ no nnidisoɔ nnidisoɔ mebrɛ woɔ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso minyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ nea wɔakyerɛw no nyinaa mu yiye na mekyerɛw brɛ wo a, eye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Onimuonyamfoɔ kɛse Teofilo, ɛyɛɛ me sɛ, ɛyɛ sɛ me nso, mahwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ firi mfitiaseɛ no, metwerɛ no nnidisoɔ nnidisoɔ mebrɛ woɔ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso, menyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ deɛ wɔatwerɛ no nyinaa mu yie na metwerɛ brɛ wo a, ɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Onuonyamfo kɛse Teofilo, ɛyɛɛ me sɛ, eye sɛ me nso, mahwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ fi mfiase no, mekyerɛw no nnidiso nnidiso mebrɛ wo,

Ver Capítulo Copiar




Luka 1:3
17 Referencias Cruzadas  

AWURADE, me Nyankopɔn, w’anwonwade ne w’adwene, woama adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribi nto wo ho; anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sen sɛ wobetumi akan.


Woayɛ eyinom, na mayɛ komm nti, wususuw sɛ mete sɛ wo ara, mɛka w’anim na mede mataataa w’anim.


sɛ mɛma woahu nokware nsɛm asetim, na wode nokwasɛm akobua wɔn a wɔsomaa wo no?


Nanso nea ɛka ho a ɔsɛnkafo no yɛ mu nyansafo no, ɔkyerɛɛ ɔman no nimdeɛ kaa ho, na ɔkarii na opee mu, na obubuu mmɛ bebree.


Esiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba mu wɔ yɛn ntam no nnidiso nnidiso,


Teofilo, kan nhoma a meyɛe no fa nneɛma a Yesu fii ase yɛe na ɔkyerɛkyerɛe nyinaa,


Na Petro fii ase bɔɔ wɔn ne nyinaa ho amanneɛ mmiako mmiako sɛ:


Enti m’asɛm a mewɔ meka ne sɛ: Wɔnnhaw wɔn a wofi amanaman no mu adan aba Onyankopɔn nkyɛn no;


yɛde nokoro hyiae no, ɛyɛɛ yɛn sɛ eye sɛ yɛpaw nnipa bi soma wɔn ka yɛn adɔfo Barnaba ne Paulo,


Na ɛyɛɛ Honhom Kronkron ne yɛn sɛ eye sɛ wɔmfa adesoa bi nto mo so, gye nea ehia yi ara, ɛne


Na ɔkyɛɛ hɔ kakra no, ofii hɔ kokyinii Galatia ne Frigia nkurow nyinaa mu hyɛɛ asuafo no nyinaa den.


Klaudio Lisia de eyi kyia amrado pa Felike.


Felike, onuonyamfo, yɛde aseda gye daa wɔ mmaa nyinaa.


Na ose: Memmɔɔ dam ɛ, Onuonyamfo Festo, na meka nokware ne anidahɔ nsɛm.


Na onua Apolo de, matu no fo pii sɛ ɔne anuanom no mmra mo nkyɛn; nso ɔmpɛ koraa sɛ ɔba mprempren, na mmom onya ho adagyew a, ɔbɛba.


Na sɛ ɔtena hɔ saa ara a, m'adwene ne sɛ, eye mmom ma no; na ɛyɛ me sɛ me nso mewɔ Onyankopɔn honhom.


Sɛ wode eyinom kyerɛ anuanom no a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a wɔde gyidi ne nkyerɛkyerɛ pa a wudii akyiri no nsɛm ayɛn no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios