Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 1:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na ɔbɛdan Israel mma mu bebree aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na ɔbɛdane Israel mma mu bebree aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Israelfo pii nam nʼasɛnka so benya adwensakra asan aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɔbɛdane Israel mma mu bebree aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Israelfoɔ pii nam nʼasɛnka so bɛnya adwensakyera asane aba Awurade, wɔn Onyankopɔn, nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na ɔbɛdan Israel mma mu bebree aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Luka 1:16
8 Referencias Cruzadas  

ose: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuw so, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn so no asan aba; na mede wo mɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagye akodu asase ano.


Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose.


Na Yohane nam trenee kwan mu baa mo nkyɛn, na moannye no anni; na towgyefo ne nguamanfo na egyee no dii, na mo nso muhui no, moannu mo ho akyiri yi annye no anni.


Na wo, abofra yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifo; efisɛ wubedi Awurade anim akosiesie n’akwan,


Na ɔbaa Yordan ho, asase nyinaa so bɛkaa adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔnefakyɛ mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios