Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 9:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Israel, mma w’ani nnnye na nni ahurusi sɛ aman bi, efisɛ woafi wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ aguaman, woapɛ apɛde awiporowbea nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Israel, mma w’ani nnnye na nni ahurisie sɛ aman bi, ɛfiri sɛ woafiri wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ adwaman. Woapɛ apɛdeɛ ayuporebea nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nni ahurusi, Israel; nsɛpɛw wo ho te sɛ aman a aka no. Efisɛ woanni wo Nyankopɔn nokware, wʼani gye aguamammɔ ho wɔ awiporowbea nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Israel, mma w’ani nnnye na nni ahurisie sɛ aman bi, ɛfiri sɛ woafiri wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ adwaman. Woapɛ apɛdeɛ ayuporebea nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nni ahurisie, Ao Israel; nsɛpɛ wo ho te sɛ aman a aka no. Ɛfiri sɛ woanni wo Onyankopɔn nokorɛ, wʼani gye adwamammɔ ho wɔ ayuporobea nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Israel, mma w’ani nnnye na nni ahurusi sɛ aman bi, efisɛ woafi wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ aguaman, woapɛ apɛde awiporowbea nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 9:1
24 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, wɔn a wofi wo nkyɛn kɔ akyiri no bɛyera, wobɛsɛe wɔn a wofi wo nkyɛn kɔbɔ aguaman nyinaa.


woma efifi da a wuduae no, na anɔpa a wuduae no ara ɛyɛ frɔmfrɔm, woma egu nhwiren, nanso ɛso aba no betu akɔ, amane ne yaw a enni awiei.


Wo bɔne bɛtwe w’aso, na wo nsanakyiri atwiw w’anim, na hu na hwɛ ogyaw a wugyaw AWURADE wo Nyankopɔn, ne me ho hu a wunni no mu bɔne ne awerɛhow, AWURADE, asafo AWURADE asɛm ni.


Na wufi teteete na wububuu wo kɔndua tetew wo nkyehama mu, na wokae sɛ: Merensom. Efisɛ nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase na woda bɔ aguaman.


na mmom yɛbɛyɛ biribiara a efi yɛn anom, sɛ yɛbɛhyew aduhuam ama ɔsoro hemmaa no, na yɛahwie ahwiesa ama no sɛnea yɛn ne yɛn agyanom, yɛn ahene ne yɛn asafohene yɛe, Yuda nkurow ne Yerusalem mmorɔn so a aduan meemee yɛn na yedii yiye na yɛanhu bɔne bi no.


Ma wo ho nsan wo na w’ani nnye, Edom babea a wote Us asase so no; wo nso so na amanehunu no rebetwam aba, wobɛbow na w’adagyaw so ada hɔ.


Nanso wode wo ho too w’ahoɔfɛ so, na wobɔɔ aguaman guu wo din so, na wuhwiee w’aguamammɔ guu obiara a ɔretwam so.


Wo koma ayɛ gorɔw dɛn ara, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, sɛ woyɛɛ eyinom a ɛyɛ ɔbea aguaman a ɔso ne ti nneyɛe no nyinaa!


Na nea ɛba mo adwene mu no, ɛrenyɛ oo! Nea moka sɛ: Yɛbɛyɛ sɛ amanaman no, sɛ nsaase so mmusua no, na yɛasom dua ne ɔbo no.


wɔasew ano sɛ enkum, wɔapɔw ho sɛ entwa nyinamnyinam. Anaasɛ yɛmma yɛn ho nsɛpɛw yɛn nka se: Me ba woabu abaa ne nteɛso nyinaa animtiaa?


Bet-awen nantwi mma nti na Samariafo besuro; na ne man di ne ho nkɔmmɔ, na n’asɔfo ho popo n’anuonyam ho, sɛ wɔatu afi wɔn mu kɔ.


Na mɛsɛe ne bobe ne ne borɔdɔma a ɔkae sɛ: M’apɛde a m’adɔfo de maa me no ne no; na mɛyɛ no kwae ma wuram mmoadoma adi.


Me man bisa dua hɔ ade, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, efisɛ aguamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafi wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ aguaman.


Wɔn nsɛnnii mma wɔnsan mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na aguamammɔ honhom wɔ wɔn mu, na wonnim AWURADE.


Wɔatwa AWURADE nkontompo, na wɔawowo ananafo mma; afei ɔsram foforo bɛmene wɔn ne wɔn nsase.


Mo nko na mahu mo, asase so mmusua nyinaa mu, enti nso, mo na metua mo, mo amumɔyɛ nyinaa so ka.


Na momfa mmɔkaw abodoo nhyew aseda afɔre, na mompae ayamye ayɛyɛde mma wɔnte. Na saa na mopɛ, mo Israelfo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Mo a mo ani gye Lo-debar ho na moka sɛ: So ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde agye Karnaim afa?


Na madannan mo nnapɔnna nkɔmmɔdi, ne mo nnwom nyinaa kwadwom, na mama ayitam akyekyere asen nyinaa, na tipae aba atiri nyinaa so; na mama ayɛ sɛ ɔba koro ho nkɔmmɔdi, na n’awiei ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwene.


Na afei mohoahoa mo ho mo ahupoo mu. Saa ahohoahoa yi nyinaa yɛ bɔne.


Na afei, mo adefo ɛ, mo amanehunu a ɛreba mo so nti munsu na mommɔ mo afonom!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios