Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 4:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Nanso mma obi nnham na obi nnka anim, efisɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfo ham.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Nanso mma obi nnham na obi nnka anim, ɛfiri sɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfoɔ ham.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Mma obiara mmɔ kwaadu, mma obiara mmɔ ɔfoforo sobo. Na mmom, mo asɔfo mo na me ne mo anya.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Nanso mma obi nnham na obi nnka anim, ɛfiri sɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfoɔ ham.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Mma obiara mmɔ kwaadu, mma obiara mmɔ ɔfoforɔ soboɔ. Na mmom, mo asɔfoɔ mo na me ne mo anya.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Nanso mma obi nnham na obi nnka anim, efisɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfo ham.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 4:4
8 Referencias Cruzadas  

Na wɔkae sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara remfi ɔsɔfo nsa, na afotu rempa onyansafo anom, na asɛm remmɔ odiyifo. Mommra mma yɛmfa tɛkrɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Na wo tɛkrɛma nso, mɛma afam wo dodo mu, na woatɔ mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfo, efisɛ wɔyɛ asowui fi.


Efraim akɔdɔm abosom adum; gyaa no.


Wɔtan nea ɔteɛ so, kurow pon mu, na wokyi nea ɔka nsɛm a ɛyɛ pɛ.


Ne saa nti ɔba nimdefo mua n’ano, ɛbere no mu, efisɛ ɛyɛ bere bɔne.


Na obi busuani ne nea ɔhyew no bɛma no so sɛ ɔreyi nnompe no afi fie hɔ, na ɔbɛka akyerɛ nea ɔwɔ ofi mpiakyiri mu no sɛ: So obi da so ne wo wɔ hɔ? Na ɔbɛka sɛ: Wɔasa! Na ɔno nso bɛka sɛ: Mua w’ano! Na wɔmmɔ AWURADE din so.


Na onipa a obedi ahantansɛm na ɔrentie ɔsɔfo a ogyina hɔ som AWURADE wo Nyankopɔn anaa ɔtemmufo no, saa onipa no nwu;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios