Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 4:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Me man bisa dua hɔ ade, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, efisɛ aguamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafi wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ aguaman.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Me man bisa wɔn dua hɔ adeɛ, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ adwamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafiri wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ adwaman.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 ntease tu yera. Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asen nkyɛn na duasin bi ama wɔn mmuae. Aguamammɔ honhom rema wɔn ayera kwan; wonni wɔn Nyankopɔn nokware.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Me man bisa wɔn dua hɔ adeɛ, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ adwamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafiri wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ adwaman.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 nteaseɛ tu yera. Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asene nkyɛn na duasin bi ama wɔn mmuaeɛ. Adwamammɔ honhom rema wɔn ayera ɛkwan; wɔnni wɔn Onyankopɔn nokorɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Me man bisa dua hɔ ade, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, efisɛ aguamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafi wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ aguaman.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 4:12
25 Referencias Cruzadas  

Na ɛbaa saa, efisɛ Israelfo ayɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim asase so Misraim hene Farao nsam bae no bɔne, na wɔakɔsom anyame foforo,


na wonantew Israel ahene akwan so, na wode Yuda ne Yerusalemfo kɔɔ aguamammɔ mu sɛ Ahab fi aguamammɔ no, nanso woakum wo nuanom, w’agya fifo a woye sen wo no nti,


Na wɔde wɔn nneyɛe maa wɔn ho yɛɛ nwini, na wɔde wɔn nsɛnnii dan nguaman.


Na hwɛ, wɔn a wofi wo nkyɛn kɔ akyiri no bɛyera, wobɛsɛe wɔn a wofi wo nkyɛn kɔbɔ aguaman nyinaa.


Na wɔn nyinaa yɛ agyimifo ne nkwaseafo; ahoni kasakyerɛ! Enye mma hwee, ɛyɛ dua!


a wɔka kyerɛ dua sɛ: M’agya ne wo! Ne ɔbo nso sɛ: Wo na wowoo me! No; efisɛ wɔadannan wɔn akyi akyerɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim; na wɔn amanehunu bere mu de, wɔka sɛ: Sɔre na gye yɛn.


Na Samaria adiyifo no mu, mahu nkwaseasɛm, wɔde Baal hyɛɛ nkɔm de maa me man Israel fomee.


Na nea ɛba mo adwene mu no, ɛrenyɛ oo! Nea moka sɛ: Yɛbɛyɛ sɛ amanaman no, sɛ nsaase so mmusua no, na yɛasom dua ne ɔbo no.


Na Babel hene gyina ɔtempɔn nkwanta so, akwan abien no ti, sɛ wɔnhyɛ nkɔm mma no; ɔwosow agyan bisa abusua honi adehwɛ mmerɛbo mu.


Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nanso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame bio! Efisɛ wo mu na ayisaa nya timmɔbɔ.


Wɔn nsɛnnii mma wɔnsan mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na aguamammɔ honhom wɔ wɔn mu, na wonnim AWURADE.


Mahu ahodwiriwde Israel fi, ɛhɔ na Efraim bɔ aguaman, Israel ho agu fi.


Israel, mma w’ani nnnye na nni ahurusi sɛ aman bi, efisɛ woafi wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ aguaman, woapɛ apɛde awiporowbea nyinaa so.


Na wonnkum wɔn afɔrebɔde mmma mpapo abosom a wodi wɔn akyi aguamammɔ so no bio. Na ɛnyɛ daa ahyɛde mma wɔn, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.


me de, mɛma m'ani asa onipa no ne n'abusua, na metwa ɔno ne wɔn a wodi n'akyi aguamammɔ kwan so na wodi Molek akyi bɔ aguaman no nyinaa afi wɔn man mu agu.


Sɛ obi a ɔnam keka ahuhusɛm na ɔdaadaa di atoro ka sɛ: Mɛka wo bobesa ne mmorosa ho adiyisɛm, a ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi adiyisɛnkafo!


Due, wo a woka kyerɛ dua sɛ: Nyan! Na woka kyerɛ ɔbo mum sɛ: Sɔre! So ebetumi akyerɛ biribi? Hwɛ, wɔde sika ne dwetɛ adura ho, na honhom biara nni mu.


na ɛnyɛ mo nnwow a mohwɛ kae AWURADE mmara nsɛm nyinaa yɛ, na moammɔre anni mo koma ne mo aniwa akyi, sɛnea motaa di akyi kɔbɔ aguaman no:


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo ne w’agyanom rekɔda, na ɔman yi bɛsɔre akodi asase a wɔrekɔ so hɔ no anananyame akyi aguamammɔ mu, na wɔagyaw me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pamee no.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Bisa Onyankopɔn ɛ, na yenhu sɛ yɛn kwan a yɛnam so yi bɛyɛ siade kwan anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios