Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 13:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ne saa nti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum ne obosu a etua ahema kɔ, sɛ ntɛtɛwa a ahum hwim fi awiporowbea ne owusiw a etu fa mfɛnsere mu kɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Saa nti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum ne obosuo a ɛtua nhema korɔ, sɛ ntɛtɛ a ahum hwim firi ayuporebea ne wisie a ɛtu fa mpomma mu korɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛno nti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum sɛ anɔpa bosu a etu yera, sɛ ntɛtɛ a ehuw fi awiporowbea sɛ wusiw a ɛfa mfɛnsere mu kɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Saa nti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum ne obosuo a ɛtua nhema korɔ, sɛ ntɛtɛ a ahum hwim firi ayuporebea ne wisie a ɛtu fa mpomma mu korɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛno enti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera, sɛ ntɛtɛ a ehu firi ayuporobea sɛ wisie a ɛfa mpoma mu kɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ne saa nti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum ne obosu a etua ahema kɔ, sɛ ntɛtɛwa a ahum hwim fi awiporowbea ne owusiw a etu fa mfɛnsere mu kɔ no.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 13:3
11 Referencias Cruzadas  

Wɔte sɛ sakran, mframa ano, ne ntɛtɛwa a ahum soa kɔ.


Ahuyide adan akyerɛ me so, wɔpam me bakomadi sɛ mframa, na me yiyedi asen kɔ sɛ omununkum.


Abɔnefo de, wɔnte sa, na wɔte sɛ ntɛtɛwa a mframa bɔ gu.


Sɛ owusiw tu kɔ no, sɛ bɔ wɔn gu ara ne no; sɛ hweawa nan ogya ho no, sɛ abɔnefo bɛsɛe Onyankopɔn anim ne no.


Aman no yɛ hoo sɛ nsu bebree hooyɛ, ɔka wɔn ma woguan kɔ akyirikyiri, na wotiw wɔn sɛ mmepɔw so ntɛtɛwa, mframa anim, ne mframaden ne mu tutuw, ahum anim.


Dɛn na menyɛ wo, Efraim? Dɛn na menyɛ wo, Yuda? Na mo adɔe te sɛ anɔpa mununkum, na ɛte sɛ obosu a ɛpɛ ntɛm akɔ.


Mommma ahyɛde no mmma ansa, da no resen aba sɛ ntɛtɛwa, mommma Awurade abufuw mu gya no mmma mo so ansa, yiw mommma Awurade abufuw da no mmma mo so ansa.


Na nea wodua no asomdwoe mu, obobe, bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na ɔsoro bɛtɔ ne bosu, na mɛma ɔman yi nkae afa eyinom nyinaa adi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios