Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 11:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na me na migyigyee Efraim taataa; mituruu wɔn m’abasa so, na wɔanhu sɛ masa wɔn yare.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Nso me na megyegyee Efraim taataa; meturuu wɔn m’abasa so, na wɔanhunu sɛ masa wɔn yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Me na migyigyee Efraim taataa, turuu wɔn wɔ me basa so; nanso wɔnkae sɛ me na mesaa wɔn yare.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Nso me na megyegyee Efraim taataa; meturuu wɔn m’abasa so, na wɔanhunu sɛ masa wɔn yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Me na megyegyee Efraim taataa, meturu no wɔ mʼabasa so; nanso, wɔnkae sɛ me na mesaa wɔn yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na me na migyigyee Efraim taataa; mituruu wɔn m’abasa so, na wɔanhu sɛ masa wɔn yare.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 11:3
20 Referencias Cruzadas  

Ɔmaa n’asɛm bɛsaa wɔn yare, na oyii wɔn fii wɔn amoa mu.


na ɔkae sɛ: Sɛ otie na wubetie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ nea ɛteɛ wɔ n'anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n'ahyɛde nyinaa so a, ɛnne meremfa ɔyare a mede miguu Misraim so no biara mingu wo so: na mene AWURADE, wo yaresafo no.


Mo ara moahu nea meyɛɛ Misraim no ne sɛnea mesoaa mo akɔre ntaban so, na mede mo maba me nkyɛn yi.


Na monsom AWURADE mo Nyankopɔn na wahyira w'aduan ne wo nsu so, na mayi ɔyare mafi wo mu.


Ɔsoro, muntie, na asase, yɛ aso, na AWURADE akasa. Mma a matetew wɔn na mama wɔn so na wɔn de, wɔabɔ me so ko.


Na ɔsram hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho asɔn, sɛ nnansɔn hann, ɛda a AWURADE bɛkyekyere ne man bubu na wasa ne hwe ano akuru no.


Yakob fifo muntie me ne Israel fi nkae nyinaa, mo a maturu mo afi yafunu mu na masoa mo afi awotwaa mu no,


Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiaa no, na n’anim bɔfo no gyee wɔn; ne dɔ ne ne nkyɛeso mu na ogyee wɔn, na ɔmomaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa mu.


Na mɛkyekyere wo kuru, na masa w’apirakuru, AWURADE asɛm ni, efisɛ wɔfrɛ wo: Nea wɔapam no, Sion a obi mmisa n’akyi kwan.


So aduhuam bi nni Gilead, anaasɛ ɔyaresafo bi nni hɔ? Na ɛdɛn nti na wonnya nsaa me man babea no yare ɛ?


Mɛsa wɔn nsanakyiri mu yare, meyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuw adan afi no so.


Na ɔno de, onnim sɛ me na memaa no awi ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔe, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.


Meresa Israel yare yi, na Efraim amumɔyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; wodi atoro, na owifo bubu ba mu, akwamukafo asafo nso fow mmorɔn so.


Me de, makyerɛkyerɛ, na mahyɛ wɔn basa mu den, nanso pɔw bɔne na wɔbɔ me ho.


Na ɛbɛyɛ sɛ mfirihyia aduanan na okura wɔn mu nyaa wɔn ho boasetɔ dennan wɔn, sare so.


ne sare so a wuhui sɛ AWURADE wo Nyankopɔn kura wo sɛnea onipa kura ne ba, akwan a mofaa so no nyinaa so besii sɛ muduu ha yi.


Tete Nyankopɔn ne wo tenabea, na ase na daapem abasa no wɔ. Na ɔbɛpam ɔtamfo w’anim, na waka sɛ: Dwerɛw wɔn.


Na kae ɔkwan a AWURADE wo Nyankopɔn ma wonantew so mfirihyia aduanan yi sare so no nyinaa, sɛ ɔrebrɛ wo ase asɔ wo ahwɛ, na wahu nea ɛwɔ wo koma mu, sɛ wubedi ne mmara nsɛm so anaasɛ worenni.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios