Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 1:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na Yuda mma ne Israel mma bɛbom ahyia, na wɔasi ti biako afa, na wɔaforo afi asase no so aba; na Yesreel da no bɛyɛ da kɛse.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na Yuda mma ne Israel mma bɛbom ahyia, na wɔasi tire baako afa, na wɔaforo afiri asase no so aba. Na Yesreel da no bɛyɛ da kɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na Yudafo ne Israelfo bɛka abɔ mu bio, na wobeyi ɔkwankyerɛfo baako ama wɔn, na wɔn nyinaa bɛsan afi nnommum no mu aba. Saa da no bɛyɛ da kɛse ama Yesreel.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na Yuda mma ne Israel mma bɛbom ahyia, na wɔasi tire baako afa, na wɔaforo afiri asase no so aba. Na Yesreel da no bɛyɛ da kɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na Yudafoɔ ne Israelfoɔ bɛka abɔ mu bio, na wɔbɛyi ɔkwankyerɛfoɔ baako ama wɔn, na wɔn nyinaa bɛsane afiri nnommum no mu aba. Saa ɛda no bɛyɛ da kɛseɛ ama Yesreel.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na Yuda mma ne Israel mma bɛbom ahyia, na wɔasi ti biako afa, na wɔaforo afi asase no so aba; na Yesreel da no bɛyɛ da kɛse.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 1:11
24 Referencias Cruzadas  

Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.


Na wɔn hene befi wɔn ara mu, na wɔn sodifo nso befi wɔn mu, na mɛma watwiw abɛn me, na hena ne nea obesi ne bo sɛ ɔbɛbɛn me? AWURADE asɛm ni.


Na hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mede me man Israel ne Yuda nnommum mɛsan aba, AWURADE na ose, na mama wɔasan aba asase a mede memaa wɔn agyanom no so, na wɔabedi so.


Buei! Ɛda no so a ebi renyɛ sɛ ɛno, na ɛyɛ ahohia bere ma Yakob; nanso wobefi emu hɔ ara agye no nkwa.


Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, AWURADE asɛm ni, mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


Hwɛ, me ara mɛboa wɔn ano afi nsaase a m’abufuw ne me yamgya ne anibere kɛse mu misunsum wɔn mekɔɔ hɔ no nyinaa so, na mede wɔn asan aba ha bio, na mama wɔatena ase dwoodwoo,


na mede Israel masan maba ne yɛmmea, na wabedidi Karmel ne Basan, na ne kra amee, Efraim bepɔw so ne Gilead.


Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Afei mede Yakob nnommum no mɛsan maba, na mahu Israel fi nyinaa mmɔbɔ, na matwe me din kronkron no ho ninkunu,


Monka nkyerɛ mo nuammarimanom sɛ: Ami ase ne sɛ: Me man! Ne mo nuammeanom sɛ: Ruhama ase ne sɛ: Nea wɔahu no mmɔbɔ!


Akyiri no Israel mma bɛsan abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n'adɔe ho, nna a edi akyiri no mu.


Na sɛ wɔn tow a wɔtow wɔn kyenee no yɛ wiase mpata a, ɛdɛn na wɔn gye no bɛyɛ, ɛnyɛ nkwa a efi owu mu anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios