Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 AWURADE asɛm baa Busi ba ɔsɔfo Hesekiel nkyɛn, Kaldeafo asase so, asu Kebar ho, na ɛhɔ AWURADE nsa baa no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 AWURADE asɛm baa Busi ba Ɔsɔfoɔ Hesekiel nkyɛn, wɔ Kaldeafoɔ asase so, Asuo Kebar ho. Ɛhɔ AWURADE nsa baa ne so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Awurade asɛm baa Busi babarima Hesekiel a ɔyɛ ɔsɔfo no nkyɛn wɔ Asubɔnten Kebar ho wɔ Babilonia asase so. Ɛhɔ na Onyankopɔn nsa baa ne so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 AWURADE asɛm baa Busi ba Ɔsɔfoɔ Hesekiel nkyɛn, wɔ Kaldeafoɔ asase so, Asuo Kebar ho. Ɛhɔ AWURADE nsa baa ne so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Awurade asɛm baa Busi babarima Hesekiel a ɔyɛ ɔsɔfoɔ nkyɛn wɔ Asubɔnten Kebar ho wɔ Babilonia asase so. Ɛhɔ na Onyankopɔn nsa baa ne so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 AWURADE asɛm baa Busi ba ɔsɔfo Hesekiel nkyɛn, Kaldeafo asase so, asu Kebar ho, na ɛhɔ AWURADE nsa baa no so.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 1:3
23 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE nsa baa Elia so, na ɔkyekyeree n’asen tuu mmirika dii Ahab anim de koduu sɛ wɔrehyɛn Yesreel.


Na afei momfa ɔsankubɔfo mmrɛ me. Na ɔsankubɔfo no rebɔ no, AWURADE nsa baa no so,


Babel nsubɔnten ho, ɛhɔ na yɛtenae na yesuu sɛ yɛkaee Sion.


Ɔno na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn Yuda hene Yosia a ɔyɛ Amon ba bere so, n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu.


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Esiane sɛ moka sɛ: AWURADE ama adiyifo so ama yɛn Babel nti,


Na afe a ɛto so aduasa, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so anum no, na mewɔ atukɔfo no mu, asu Kebar ho, na ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn hɔ anisoade.


Na Kerubim no momaa wɔn ho so. Ɛne ɔteasefo a mihuu no asu Kebar ho no.


Na mede m’asawu megu no so, na wɔayi no m’afiri mu, na mede no makɔ Babel, Kaldeafo asase so; na ɛno mpo ɔrenhu, na ɛhɔ na obewu.


Na honhom no maa me so faa me kɔe: Mede awerɛhow na ɛkɔe, me honhom anibere no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den.


Na mebaa Tel-abib atukɔfo a wɔtete asu Kebar ho no nkyɛn ne nea wɔte hɔ no, na metenaa hɔ nnansɔn, na me ho dwiriw me wɔ wɔn mu.


Na AWURADE nsa baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre fi adi kɔ obon no mu, na me ne wo nkɔkasa wɔ hɔ.


Ɛnna mesɔre mifi mekɔɔ obon no mu, na hwɛ, AWURADE anuonyam no gyina hɔ sɛ anuonyam a mihui asu Kebar ho no; na mede m’anim mibutuw fam.


Nso na AWURADE nsa aba me so anwummere no, ansa na oguanfo no bae, na obuee m’anom kosii sɛ ɔbaa me nkyɛn anɔpa, na wobuee m’anom, na mantɔ mum bio.


AWURADE nsa baa me so, na AWURADE de me fii adi honhom mu, na ɔde me kosii obon kɛse a nnompe ara nko ayɛ mu ma mu;


Yɛn tukɔ afe a ɛto so aduonu anum no, afe no asefi mu ɔsram no da a ɛto so du no, kurow no bɔ akyi afe a ɛto so dunan mu no, ɛda no ara na AWURADE nsa baa me so, na ɔde me baa hɔ;


Na ade a mihui no su te sɛ ade a mihui a mebae mebɛsɛee kurow no; na ɛyɛ adehu a ɛte sɛ ade a mihui asu Kebar ho no; na mede m’anim mibutuw fam.


Na afe a ɛto so asia, ɔsram a ɛto so asia, da a ɛto so anum a mete me fi na Yuda mpanyimfo tete m’anim no, AWURADE Nyankopɔn nsa tɔɔ me so wɔ hɔ.


AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahene Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so ni.


AWURADE asɛm a ɛbaa Petuel ba Yoel nkyɛn ni.


Na honhom no ka no pefee sɛ nna no mu no, ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho,


efisɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na mmom Onyankopɔn nnipa kronkron so, sɛnea Honhom Kronkron de wɔn rekɔ no, na wɔkasae.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios