Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 3:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na yɛn twetiatwa no, yɛn na yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokware twetiatwa ato mu. Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no, na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no nti yenya ahosɛpɛw. Yɛmmfa yɛn ho nto ɔhonam so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokorɛ twetiatwa ato mu. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no. Na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no enti, yɛanya fawohodie. Yɛmmfa yɛn ho nto honam so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na yɛn twetiatwa no, yɛn na yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam so.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 3:3
32 Referencias Cruzadas  

ɔno mu nso na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na nea ɛwɔ ɔhonam nipadua mu a woyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu.


Na afei de, sɛ yɛawu ama nea ɛkyekyere yɛn no nti, wɔasan yɛn afi mmara no ho ma yɛsom honhom foforoyɛ mu, na ɛnyɛ nkyerɛwee dedaw mu.


Na AWURADE wo Nyankopɔn betwa wo koma ne w’asefo koma twetia, na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.


Sɛ yɛte ase honhom mu a, momma yɛnnantew honhom mu nso.


Na moannya akoayɛ honhom a mode besuro bio, na mmom moanya abagye honhom a ɛno mu na yɛteɛm sɛ: Abba, Agya!


Muntwitwa mo ho twetia mma AWURADE, na munyi mo koma momonoto, Yuda mmarima ne Yerusalemfo, anyɛ saa a m’abufuw befi sɛ ogya abɛhyew a obi nni hɔ a obedum, mo nsɛnnii mu bɔne nti.


Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho, wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no koma ntɔ wɔn yam.


Enti muntwitwa mo koma twetia, na munnsen mo kɔn bio.


na momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa,


Misraimfo, Yudafo, Edomfo, Amonfo, Moabfo, ne wɔn a wɔtete anwea pradada so na wɔatwitwa wɔn nwi de di awufo ni no nyinaa; efisɛ amanaman nyinaa yɛ momonotofo, na Israel fi nyinaa yɛ komam momonotofo.


Na me dansefo ne Nyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ minnyae mo dinbɔ da, me mpaebɔ mu,


Na efi owia apuei de kosi n’atɔe no me din yɛ kɛse amanaman mu, na wɔhyew aduhuam bɔ afɔre ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛde a ɛho tew ba; na me din yɛ kɛse amanaman mu, asafo Awurade na ose.


AWURADE mu na Israel asefo nyinaa bedi bem ahyehye wɔn ho.


Na mo, adɔfo de, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae Honhom Kronkron tumi mu


Enti mewɔ Kristo Yesu mu ahohoahoa Onyankopɔn fam nneɛma mu.


anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu.


Na ɛnyɛ sɛ ebia Onyankopɔn asɛm no mu atu. Efisɛ ɛnyɛ wɔn a wofi Israel mu nyinaa na wɔyɛ Israelfo,


Esiane sɛ nnipa pii hoahoa wɔn ho ɔhonam fam nti, me nso mɛhoahoa me ho bi.


Na dodow a wɔnam saa kwan yi so no, asomdwoe ne mmɔborohunu mmra wɔn ne Israel a ɛyɛ Nyankopɔn dea no so.


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefo a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfo ne asomfo:


Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka, anaasɛ manya mawie pɛyɛ dedaw, na mmom mepem kɔ m’anim ara na me nsa aka, sɛnea Kristo Yesu nso nsa aka me no.


Mepem kɔ m'anim sɛ medu botae no ho, na makonya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu mu afrɛ me no mu nkonimbo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios