Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 6:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na munim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehye oo, ɛno ara ho akatua na obenya Awurade nsam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na monim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehyeɛ oo, ɛno ara ho akatua na ɔbɛnya no wɔ Awurade nsam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 efisɛ munim sɛ adwuma pa biara a obi yɛ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfo anaa ɔde ne ho no, Awurade betua no so ka.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na monim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehyeɛ oo, ɛno ara ho akatua na ɔbɛnya no wɔ Awurade nsam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 ɛfiri sɛ monim sɛ adwuma pa biara a obi yɛ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfoɔ anaa ɔde ne ho no, Awurade bɛtua no so ka.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na munim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehye oo, ɛno ara ho akatua na obenya Awurade nsam.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 6:8
20 Referencias Cruzadas  

Ɔbɔnefo yɛ adwuma hunu, na nea ogu trenee no nya nokware akatua.


Na ampa ara, akyiri asɛm bi wɔ hɔ, na wɔrentwa nea w’ani da so no nkyene.


Ao, ɔbɔnefo nnue: Na obedi mmusu, na ne nneyɛe so ade na wɔde bɛma no.


Na Onipa Ba no de n’agya anuonyam ne n’abɔfo na ɛbɛba; ɛno na obetua onipa biara ka sɛnea ne nneyɛe te.


Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Obi mmɔɔ yɛn paa ɛ. Osee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turom hɔ!


Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛw mo, na mo akatua so ɔsoro; na saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no.


Monhwɛ yiye na moanyɛ mo trenee nnipa anim sɛ wobehu mo; anyɛ saa a, munni akatua mo agya a ɔwɔ soro no nkyɛn.


na w’adɔe aka kokoam, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.


na woanya nhyira; efisɛ wonni nea wɔde betua wo so ka. Na atreneefo sɔre mu na wobetua wo so ka.


Na monnɔ mo atamfo, na monyɛ wɔn yiye na momfɛm wɔ nea ani nni biribi so, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ nea ɔwɔ sorosoro no mma, efisɛ ɔno de, oye ma bonniayɛfo ne nnipa bɔne.


Na yɛn nyinaa nso, Yudafo oo, Helafo oo, nkoa oo, adehye oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom koro no mu ma yɛbɛyɛɛ nipadua biako, na wɔmaa yɛn nyinaa nom honhom biako.


Na etwa yɛn nyinaa sɛ yekopue Kristo atemmu agua anim hɔ, na obiara anya nea ɔnam nipadua so yɛe no, papa oo, bɔne oo, sɛnea ɔyɛe no.


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu.


faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehye bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.


efisɛ munim sɛ Awurade nsam na mubenya apɛgyade sɛ akatua, na Awurade Kristo na mosom no.


Na nea ɔyɛ nea ɛnteɛ no benya nea ɛnteɛ a ɔyɛe no so akatua, na nnipa animhwɛ nni mu.


Enti monntow mo nnamyɛ a ɛwɔ akatua kɛse no nnkyene.


Obuu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛse sen Misraim ahonyade, efisɛ ɔhwɛɛ akatua no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios