Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 6:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Mma, montie mo awofoɔ asɛm Awurade mu; na yei na ɛtene.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mma, muntie mo awofo asɛm wɔ Awurade mu efisɛ saa na eye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Mma, montie mo awofoɔ asɛm Awurade mu; na yei na ɛtene.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mma, montie mo awofoɔ asɛm wɔ Awurade mu ɛfiri sɛ, saa na ɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 6:1
33 Referencias Cruzadas  

na Yakob atie n'agya ne ne na, na ɔkɔ Mesopotamia,


Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Wo nuanom yɛn nguan wɔ Sekem. Bra na mensoma wo, wɔn nkyɛn. Na ose: Mini.


Na Yosef yii wɔn fii ne nantam, na ɔponoo ne mu de n'anim butuw fam.


Na ne mma yɛɛ no sɛnea ɔhyɛɛ wɔn no.


Nso wusian baa Sinai bepɔw so, na wufi soro ne wɔn kasae, na womaa wɔn trenee atemmude ne nokware mmara, ahyɛde ne mmara nsɛm a eye.


na ɔto dwom kyerɛ nnipa sɛ: Mayɛ bɔne, na makyea nea ɛteɛ no, nanso ɔne me anni no sɛnea ɛfata me.


Enti mibu ade nyinaa mu nsiesiei nyinaa sɛ ɛteɛ, metan nkontompo kwan nyinaa.


AWURADE, mahu sɛ w’atemmu yɛ trenee, na wode nokwaredi abrɛ me ase.


AWURADE ahyɛde teɛ, ɛma koma tɔ yam, AWURADE mmarahyɛ ho tew, na ɛtew ani.


Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara;


Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya, na wonhyira wɔn na.


Aniwa a eyi n’agya ahii, na ebu ɛna tie animtiaa no, asubɔnten ho kwaakwaadabi betutu, na akɔre mma bedi.


Me ba, bu w’agya mmara nsɛm, na ntow wo na kyerɛ nkyene.


Wɔama Rekab ba Yonadab nsɛm a ɔhyɛɛ ne mma sɛ wɔnnnom nsa no atim, na wɔnnom bi abesi nnɛ da yi, efisɛ wotie wɔn agya ahyɛde no. Na me de, makasa makyerɛ mo, mitua ahema mekasa mekyerɛ mo, na moantie me.


Na Rekabfo fi no de, Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Esiane sɛ moatie mo agya Yonadab ahyɛde, na moadi ne mmara nsɛm nyinaa so ayɛ sɛ ɔhyɛɛ mo no nyinaa nti,


Na yɛatie yɛn agya Rekab ba Yonadab, nea ɔhyɛɛ yɛn no nyinaa mu, na yɛn nna nyinaa mu yɛnnom nsa, yɛn, yɛn yerenom, yɛn mmabanin ne yɛn mmabea;


Hena ne onyansafo a obehu eyinom mu, nhumufo a obehu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na atreneefo bɛnantew so, na mmaratofo de, wɔbɛhwehwe so ase.


Mo nyinaa nsuro mo nanom ne mo agyanom, na munni me home nna no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na ɔne wɔn siim san kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee ne komam.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


sɛ: Munnye no Awurade mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo no, na munnyina n’akyi adwuma biara a mo ho behia no mu; efisɛ ɔno nso ayɛ nnipa pii ne m’ankasa boafo.


Enti mmara no yɛ kronkron, na mmara asɛm no yɛ kronkron ne trenee ne papa.


Enti, me nuanom adɔfo, muntintim, munnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.


Sɛ obi wɔ ɔba ɔsoɔdenfo ne otuatewfo a ontie n’agya ne ne na asɛm, na wɔteɛ no so na ontie wɔn a,


Na sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua onyamesom pa wɔn fi mu kan, ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani.


Mommrɛ mo ho ase mma nnipa tumi nyinaa, Awurade nti; Ɔhene a ɔyɛ opumpuni oo,


Na obuaa no sɛ: Mɛyɛ nea woka nyinaa.


Na Dawid sɔree anɔpahema gyaw nguan no hyɛɛ ɔhwɛfo foforo nsa na ɔsoaa nneɛma no kɔe, sɛnea Yese hyɛɛ no no; na okoduu nteaseɛnam aboae; na ɛdɔm no refi adi akɔ mpasua so na wɔrebɔ ɔko se,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios