Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 5:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na monnyɛ esum nnwuma a ɛnsow aba no bi, na mmom mompa ho ntama!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na monnyɛ esum nnwuma a ɛnso aba no bi, na mmom mompa ho ntoma!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Montwe mo ho mfi nneɛma hunu a wɔyɛ wɔ sum mu ho, na mompa ho ntama.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na monnyɛ esum nnwuma a ɛnso aba no bi, na mmom mompa ho ntoma!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Montwe mo ho mfiri nneɛma hunu a wɔyɛ wɔ esum mu ho, na mompa ho ntoma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na monnyɛ esum nnwuma a ɛnsow aba no bi, na mmom mompa ho ntama!

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 5:11
48 Referencias Cruzadas  

Na Sara de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mama wo nua nnwetɛbona apem, hwɛ, ɛno na wɔn a wɔka wo ho nyinaa de behu wo tirim, na wo ho afi nnipa nyinaa anim.


Ma ɔtreneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔe so, ɛyɛ me tiri so ngo a me ti rempo, na abɔnefo ngosra mpare me na me mpaebɔ ara na ɛda so hyia wɔn asɛmmɔne.


Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo gyigye wo a, mpene!


enti wobedi wɔn kwan so aba, na wɔn agyina a wotutui amee wɔn.


Ohia ne aniwu ka nea ɔpa nteɛso, na nea obu animka no nya anuonyam.


Ɔfɛwdifo nnɔ nea ɔka n’anim, ɔnkɔ anyansafo nkyɛn.


Bɔ ɔfɛwdifo, na atetekwaa ani bɛtew, na ka nhumufo anim, na wahu nimdeɛ mu.


Sɛ sika asomkaa ne amapa ahyehyɛde te no, sɛ onimkafo nyansafo te wɔ aso a ɛte asɛm so ne no.


Wɔn a wogyaw mmara no yi abɔnefo ayɛ, na wɔn a wodi mmara so no ne wɔn di aperepere.


Animka nipa a osen ne kɔn, wobebu no mpofirim, na ano nni aduru.


wɔn a asɛm bi nti wɔtoto nnipa ano, na wosum nea ɔteɛ nnipa so wɔ kurow pon mu no afiri, na wɔde asɛnhunu bi tu ɔtreneeni asɛm gu.


Mantena aserewfo guabɔ mu manni ahurusi; wo nsa nti me nko na metenae, efisɛ wode abufuw ahyɛ me ma.


Ntan wo nua wo koma mu; ɔka na ka wo yɔnko anim, na woansoa ne ho bɔne.


Na sɛ wo nua fom wo a, kɔ na koyi no ntɛn, wo ne no nko ntam. Sɛ otie wo a, woanya wo nua.


Na ɔmansinhene Herode, ne nua yere Herodia ho bɔne a wayɛ a Yohane kaa n’anim nti,


na woabue wɔn ani, na wɔadan afi sum mu aba hann mu, na wɔafi Satan tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔnefakyɛ ne agyapade, wɔn a wogye me di na wɔatew wɔn ho no mu.


Anadwo akɔ n’anim, adekyee abɛn; enti momma yenyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akode.


Nanso, anuanom, mitu mo fo sɛ monkari wɔn a wɔde mpaepaemu ba na wɔto hintidua de sɛe nkyerɛkyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfi wɔn ho.


Na aba bɛn na saa bere no munya fii nneɛma a afei de, mo ani wu ho no mu? Saa nneɛma no awiei ne owu.


Nea ogu ma ne honam no, fi honam mu betwa porɔwee, na nea ogu ma honhom no fi honhom mu betwa daa nkwa.


Ɛne sɛ, mo kan abrabɔ fam de, munyi onipa dedaw a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no nkyene,


Efisɛ nneɛma a wohintaw yɛ no, ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ din mpo.


Enti mo ne wɔn nnni twaka.


na yɛada Agya a wama yɛafata ahotefo apɛgyade no fafafo wɔ hann mu no ase,


Efisɛ wɔn a wɔda da anadwo, na wɔn a wɔbow bow anadwo,


Na sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ nhoma yi mu a, monhyɛ no nsow, mo ne no mmmɔ fekuw, na n’ani nwu;


Na anuanom, yɛhyɛ mo, Awurade Yesu Kristo din mu, sɛ montwe mo ho mfi onua biara a ɔnam basabasa na onni atetesɛm a onyae yɛn nkyɛn no so no ho.


Wɔn a wɔyɛ bɔne no, yi wɔn ntɛn wɔn nyinaa anim, na wɔn a aka no nso asuro.


Mfa wo nsa ngu obi so ntɛm, nanso mfa wo ho mfra ebinom bɔne mu. Fa wo ho si hɔ kronn.


mansotwe a ɛsɛ nnipa a wɔn adwenem asɛe, na nokware abɔ wɔn a wosusuw sɛ onyamesom pa yɛ adepɛde.


wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!


Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛbere a eye ne nea enye mu, yi ntɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu.


Eyinom na fa tumi nyinaa ka, na tu ho fo, na yi ho ntɛn. Mma obi mmmu wo animtiaa.


Na metee nne foforo fii soro sɛ: Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nneyɛe bɔne no bi, na moannya ne haw no bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios