Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 4:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na wɔde adom adom yɛn nyinaa mmiako mmiako, sɛnea Kristo asusuw n’akyɛde ama no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na wɔde adom adom yɛn nyinaa mmaako mmaako, sɛdeɛ Kristo asusu n’akyɛdeɛ ama no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛnea Kristo akyɛ ama yɛn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na wɔde adom adom yɛn nyinaa mmaako mmaako, sɛdeɛ Kristo asusu n’akyɛdeɛ ama no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛdeɛ Kristo akyɛ ama yɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na wɔde adom adom yɛn nyinaa mmiako mmiako, sɛnea Kristo asusuw n’akyɛde ama no.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 4:7
13 Referencias Cruzadas  

Na ɔmaa obiako talente anum, na obiako abien, na obiako nso biako, sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te; na otuu kwan.


Na nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm; na Onyankopɔn nsusuw Honhom ansa na ɔde ma.


Na menam ɔdom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene, sɛnea Onyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ de ama obiara no.


Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ munnnye Onyankopɔn adom no kwa.


sɛ ebia moate ofie-hwɛ adwuma a Onyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no,


Me a mene ahotefo nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufo,


na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne ahoɔdenne horow ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanse bi.


Sɛnea mo nyinaa nyinyaa adom akyɛde no, momfa nsonsom mo ho mo ho sɛ Onyankopɔn adom ahorow no ho afiehwɛfo pa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios