Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 4:3 - KYERƐW KRONKRON

3 mommɔ mmɔden mfa asomdwoe hama nkura honhom biakoyɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 mommɔ mmɔden mfa asomdwoeɛ homa nkura honhom baakoyɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mommɔ mmɔden sɛ monam asomdwoe hama so bɛma Honhom biakoyɛ no atena mo mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 mommɔ mmɔden mfa asomdwoeɛ homa nkura honhom baakoyɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mommɔ mmɔden sɛ monam asomdwoeɛ ahoma so bɛma Honhom baakoyɛ no atena mo mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 mommɔ mmɔden mfa asomdwoe hama nkura honhom biakoyɛ mu.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 4:3
16 Referencias Cruzadas  

Ɛno na Israel man mu paepaee afaafa abien. Ɔman no fa dii Ginat ba Tibni akyi sɛ wobesi no hene, na ɔfa nso dii Omri akyi.


Na tokuru nna mfinimfini wɔ n'atifi, na wɔmfa ntamabena a wɔanwene mman tokuru no ano nhyia te sɛ nkatabo mu tokuru, na ansuane.


Na sɛ obi toa obiakofo a ɔrentumi nnyina, baanu no ne no de bedi asi ani; na prae a ɛbɔ mu no remmu ntɛm so.


Na sɛ ahenni bi ne ne ho di asi a, ahenni no ntumi nnyina.


Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!


Na, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so mitu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaepaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.


Afei awiei, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, munnya adwenkoro, montena asomdwoe mu, na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.


akodu sɛ yɛn nyinaa bedu Nyankopɔn Ba no ho gyidi ne ne nhumu biakoyɛ mu, ayɛ onipa a wawie nyin a yɛadu Kristo mayɛ susude no tebea so,


Efisɛ nipadua biako ne honhom biako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔafrɛ mo nso, mo frɛ anidaso biako mu:


na mummu wɔn papaapa ɔdɔ mu, wɔn adwuma nti. Montena asomdwoe mu.


Munni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoe ne ahotew a obi kwati a, ɔrenhu Awurade no akyi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios