Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 4:25 - KYERƐW KRONKRON

25 Enti munyi atoro nkyene, na obiara nni ne yɔnko nokware, efisɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Enti monyi atorɔ ntwene, na obiara nni ne yɔnko nokorɛ, ɛfiri sɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Munnni atoro nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokware nkyerɛ ne nua, efisɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo nipadua mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Enti monyi atorɔ ntwene, na obiara nni ne yɔnko nokorɛ, ɛfiri sɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Monnni atorɔ nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokorɛ nkyerɛ ne nua, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo onipadua mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Enti munyi atoro nkyene, na obiara nni ne yɔnko nokware, efisɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 4:25
42 Referencias Cruzadas  

Munnnidi atoro nnkyerɛkyerɛ mo ho efisɛ moayi onipa dedaw no ne ne nneyɛe agu,


Eyinom ne ade a monyɛ: Monkeka nokwasɛm nkyerɛkyerɛ mo ho; nokware ne asomdwoe na momfa mmu atɛn mo nkurow apon mu.


AWURADE akyide ne atoro ano, na wɔn a wodi nokware sɔ n’ani.


saa ara nso na yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro, Kristo mu, na yɛn nyinaa yeyɛ yɛn ho akwaa mmiako mmiako.


na mmom momma yenni nokware mfa ɔdɔ mu nnyin nneɛma nyinaa mu, Kristo a ɔne eti no mu.


Nea ɔka nokware no ka nea ɛteɛ, na ɔdansekurumfo ne, nkontompo.


na nokware fi m’anom, na m’ano akyide ne abɔnefosɛm;


Nokware ano tim hɔ daa, na atoro tɛkrɛma nkyɛ koraa.


Na ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyideyɛfo ne awudifo ne nguamammɔfo ne adutofo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu no mu, ɛne owuprenu no.


daa nkwa anidaso so, nkwa a Onyankopɔn a onni atoro no de fi teteete hyɛɛ bɔ,


atorokyerɛfo nkontompo nti. Wɔn na wɔn ahonim awu.


Mommmɔ korɔn na munnni kusum, na obi nntwa ne yɔnko nkontompo.


Na kurow no akyi na akraman ne adutofo ne nguamammɔfo ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi nyinaa wɔ.


aguamammɔfo ne a wɔne mmarima da, nnipatɔnfo, atorofo, ntantofo, ne biribiara a ɛka ho a ɛne kyerɛ pa no di asi,


Na sɛ mede mo mehoahoaa me ho mekyerɛɛ no a, m’ani anwu, na mmom sɛnea yɛkaa mo nsɛm nyinaa nokwarem no, saa ara nso na yɛn ahoahoa a yɛhoahoaa yɛn ho Tito anim no ayɛ nokware.


Wɔn mu bi a ɔyɛ wɔn ankasa diyifo kae sɛ: Kretefo yɛ atorofo daa, mmoa bɔne, akwadwofo adidifo.


Ɛnam sɛ abodoo no yɛ biako nti yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro; na yɛn nyinaa di abodoo biako no bi.


Mo de, mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.


Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɔsram a ɛto so anan ne anum mu ne nea ɛto so ason mu ne nea ɛto so du mu akɔnkyen bɛyɛ Yuda fi ahosɛpɛw ne anigye ne afahyɛ pa; na nokware ne asomdwoe nko no mompɛ.


Ntanka ne nkontompo ne awudi ne awi ne awaresɛe na ɛwɔ hɔ; wodi akakabensɛm na mogyahwiegu toa mogyahwiegu so.


Na ose: Me man ara ne wɔn, mma a wɔrenni atoro, na ɔyɛɛ wɔn agyenkwa.


Mpanyin ne anuonyamfo ne eti, na odiyifo atorokyerɛfo ne dua.


Ademude a wɔde atoro tɛkrɛma anya yɛ ahuhuw a ehuw kɔ; wɔn a wɔhwehwɛ no hwehwɛ owu.


ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma, ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu;


Yi atoro kwan fi me ho, na fa wo mmara dom me.


Wopɛ bɔne sen papa, wopɛ atoro sen sɛ wobɛka nea ɛteɛ. Sela


Efisɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nso meyɛ odiyifo sɛ wo, na ɔbɔfo bi de AWURADE asɛm aka akyerɛ me sɛ: Kɔsan no na ɔne wo mmra wo fi, na ommedidi na ɔnnom. Nanso atoro na odi kyerɛɛ no.


Twe wo ho fi atosɛm mu kɔ akyirikyiri. Na nkum nea ɔnyɛɛ bɔne bi ne ɔtreneeni, efisɛ meremmu ɔbɔnefo bem.


Nea ɔnantew pɛpɛɛpɛ, na odi asɛntrenee, na ɔka ne komam nokware.


Nni wo yɔnko ho adanse hunu, na mfa w’ano nnaadaa


Ɛne sɛ, mo kan abrabɔ fam de, munyi onipa dedaw a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no nkyene,


Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu.


Na afei mo de, munyi abufuw, koko bɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm nyinaa mfi mo anom ngu.


Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo pii a wɔte sɛ mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho hyia siw yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansi a ɛda yɛn anim no mu mmirika,


Enti munyi efi ne bɔne mmoroso nyinaa ntow nkyene, na momfa odwo nnye asɛm a wɔatɛw no mo mu a ebetumi agye mo kra no.


Enti munyiyi bɔnepɛ nyinaa ne nnaadaa nyinaa ne nyaatwomyɛ ne nitan ne nseku nyinaa ntotow ngu,


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde ntampehama foforo a wɔmfa nyɛɛ adwuma da kyere me a, ɛnna megurow mayɛ sɛ onipa biara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios