Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 4:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Ne mu na nipadua no nyinaa ayɛ mua, esiane akwaa horow a aka atoatoam asisi so pɛpɛɛpɛ na biara yɛ n’adwuma yiye nti, na ɛma nipadua no nyin na ɛyɛn ne ho ɔdɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Ne mu na nipadua nyinaa ayɛ mua ɛsiane akwaa ahodoɔ a aka atoatoa mu asisi so pɛpɛɛpɛ na ebiara yɛ n’adwuma yie nti, na ɛma nipadua no nyini na ɛyɛne ne ho ɔdɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ne mu na honam akwaa ahorow no suso wɔn ho wɔn ho mu. Ne mu na obiara yɛ nʼadwuma, na nipadua no nyin ahoɔden so wɔ ɔdɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Ne mu na nipadua nyinaa ayɛ mua ɛsiane akwaa ahodoɔ a aka atoatoa mu asisi so pɛpɛɛpɛ na ebiara yɛ n’adwuma yie nti, na ɛma nipadua no nyini na ɛyɛne ne ho ɔdɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ne mu na honam akwaa ahodoɔ no sosɔ wɔn ho wɔn ho mu. Ne mu na obiara yɛ nʼadwuma na onipadua no nyini ahoɔden so wɔ ɔdɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Ne mu na nipadua no nyinaa ayɛ mua, esiane akwaa horow a aka atoatoam asisi so pɛpɛɛpɛ na biara yɛ n’adwuma yiye nti, na ɛma nipadua no nyin na ɛyɛn ne ho ɔdɔ mu.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 4:16
28 Referencias Cruzadas  

Mene bobe no, mone abaa no. Nea ɔtena me mu na me nso metena no mu no, ɔno ara na ɔsow aba pii; na mokwati me a, muntumi nyɛ hwee.


Na sɛnea yɛwɔ ɔhonam akwaa bebree nipadua koro mu, na ɔhonam mu akwaa no nyinaa nni adwuma koro no,


Ɛnam sɛ abodoo no yɛ biako nti yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro; na yɛn nyinaa di abodoo biako no bi.


Na afei gyidi, anidaso, ɔdɔ, ade abiɛsa yi na ɛtena hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛse.


Na abosom afɔrebɔde ho de, yenim sɛ, yɛn nyinaa wɔ ho nimdeɛ. Nimdeɛ ma ahohoahoa, na ɔdɔ de, ɛma nkɔso.


Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi,


Efisɛ Kristo Yesu mu de, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidi a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


sɛnea oyii yɛn wɔ ɔdɔ mu Kristo mu ansa na wɔhyɛ wiase ase, sɛ yɛnyɛ ahotefo ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.


na ɔmma Kristo mfa gyidi so ntena mo komam, na moagye ɔdɔ mu ntini atim mu,


Ɛno ho na wɔayɛ me somfo, sɛnea Onyankopɔn adom akyɛde a wɔde akyɛ me, ne tumi adwumayɛ no so, te no.


na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no, na Kristo nipadua no si akɔ so,


na mmom momma yenni nokware mfa ɔdɔ mu nnyin nneɛma nyinaa mu, Kristo a ɔne eti no mu.


Na mebɔ eyi ho mpae sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne nhumu nyinaa mu,


Nanso onso ti no a nipadua no nyinaa fi mu nam akwaa ne ntini biara so nya aduan na wɔtoatoa mu nyin wɔ nyin a efi Onyankopɔn mu no.


sɛ wonnya nea ɛka wɔn koma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ biako ɔdɔ mu nnya ntease a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no mu.


na daa yɛkae mo gyidi adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidaso mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne agya anim.


Eyi nti nso yɛda Onyankopɔn ase daa, efisɛ munyaa Onyankopɔn asɛm no fii yɛn nkyɛn no, mugyei, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ampa, ɔno nso na ɔyɛ mo a mugye di no mu adwuma kɛse.


Na mo de, Awurade mma monnɔɔso na mommoro so ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho ne nnipa nyinaa no mu, sɛnea yɛn nso yɛdɔ mo no,


Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛnea ɛfata mo nti, efisɛ mo gyidi nyin boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmiako mmiako no mu adɔ.


Na afotusɛm no botae ne ɔdɔ a efi koma kronn ne ahonim pa ne gyidi a nkontompo nnim mu.


Montew mo kra ho, nokware tie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na mumfi koma mu nnodɔ mo ho mo ho dennen.


Na yɛn de, yɛahu na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no yɛn ho no adi. Onyankopɔn ne ɔdɔ, na nea ɔte ɔdɔ mu no te Nyankopɔn mu, na Onyankopɔn te ne mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios