Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 3:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Enti mesrɛ sɛ mommpa abaw m’amane a mo nti mihu a ɛne mo anuonyam no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Enti mesrɛ sɛ mommpa aba m’amaneɛ a mo nti mehunu a ɛne mo animuonyam no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Mesrɛ mo, mommma mo aba mu mmu wɔ amane a mihu ma mo no ho. Ɛyɛ mo anuonyamhyɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Enti mesrɛ sɛ mommpa aba m’amaneɛ a mo nti mehunu a ɛne mo animuonyam no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Mesrɛ mo, mommma mo aba mu mmu wɔ amane a mehunu ma mo no ho. Ɛyɛ mo animuonyamhyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Enti mesrɛ sɛ mommpa abaw m’amane a mo nti mihu a ɛne mo anuonyam no mu.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 3:13
14 Referencias Cruzadas  

Ɛda no wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ: Nsuro, Sion, mmpa abaw.


hyehyɛɛ asuafo no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidi mu, kae nso sɛ etwa yɛn sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Onyankopɔn ahenni mu.


Na sɛ woteetee yɛn a, ɛyɛ awerɛkyekye ne nkwagye ma mo, na sɛ wɔkyekye yɛn werɛ a, ɛyɛ awerɛkyekye ma mo; ɛno na edi dwuma boasetɔ mu, amane a yɛn nso yehu no ara mu.


Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborohunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa abaw,


Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.


Eyi nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufo


na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ: Israel, tie, morebɛn dɔm nnɛ ne mo atamfo akɔko, mommma mo koma nntutu, munnsuro na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,


Ɛno ara nti na mo nso momma mo ani nnye, na mo ne me nni ahurusi.


Afei m’ani gye amane a mihu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, nea aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no


Na mo de, anuanom, mommmrɛ papayɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios