Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 2:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na afei de, Kristo Yesu mu, mo a anka mowɔ akyirikyiri no, monam Kristo mogya mu abɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na afei deɛ, Kristo Yesu mu, mo a anka mowɔ akyirikyiri no, monam Kristo mogya mu abɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso afei mo a na anka mowɔ akyirikyiri no, wɔnam Kristo mogya no so atwe mo abɛn Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na afei deɛ, Kristo Yesu mu, mo a anka mowɔ akyirikyiri no, monam Kristo mogya mu abɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso, afei mo a na anka mowɔ akyirikyiri no, wɔnam Kristo mogya no so atwe mo abɛn Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na afei de, Kristo Yesu mu, mo a anka mowɔ akyirikyiri no, monam Kristo mogya mu abɛn.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 2:13
41 Referencias Cruzadas  

Wɔn a wohu me nyinaa di me ho fɛw tɛɛ wɔn anom wosow wɔn ti ka sɛ:


Na hwɛ, wɔn a wofi wo nkyɛn kɔ akyiri no bɛyera, wobɛsɛe wɔn a wofi wo nkyɛn kɔbɔ aguaman nyinaa.


Na da no, Yese ntini mu duforo a esi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyi kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne tenabea bɛyɛ anuonyam tenabea.


mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ anafo fam sɛ: Nkora so! Fa me mmabanin fi akyirikyiri bra, ne me mmabea fi asase ano:


Hwɛ, eyinom fi akyirikyiri reba, na hwɛ, eyinom fi atifi fam ne atɔe fam, na eyinom nso fi Sinifo asase so.


Asomdwoe, asomdwoe nka nea ɔwɔ akyirikyiri ne nea ɔbɛn, AWURADE na ose, na mɛsa no yare.


Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, wɔn nyinaa aboa ano reba ama wo; wo mmabanin fi akyirikyiri reba, na wo mmabea nso, wotuturu wɔn nkyɛn mu reba.


Yiw, mpoano aman bɛtwɛn me, Tarsis ahyɛn na ebedi kan, na wɔde wo mma fi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din, ne Israel kronkronni no, efisɛ ɔno na wahyɛ wo anuonyam.


Na mɛyɛ sɛnkyerɛnne wɔn mu, na masoma wɔn mu nnipa a wɔafi mu afi no akɔ amanaman nkyɛn: Tarsis, Put ne Lud, takuntunfo no, Tubal ne Yawan, mpoano aman a wɔwɔ akyirikyiri a wɔntee me nka na wonhuu m’anuonyam no, na wɔakɔka m’anuonyam amanaman no mu.


O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban dennen ne me guankɔbea ahohia da mu, wo nkyɛn na amanaman befi asase anoano aba abɛka sɛ: Atoro nko ne yɛn agyanom awunnyade no, ahuhude a mfaso nni mu.


Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.


Simeon aka sɛnea Onyankopɔn kɔhwɛɛ amanaman no mu kankyerekyere paw ɔman bi fii wɔn mu maa ne din.


Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a Awurade yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ, na mɛsoma wo mafi ha akɔ akyirikyiri, amanaman mu.


na woabue wɔn ani, na wɔadan afi sum mu aba hann mu, na wɔafi Satan tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔnefakyɛ ne agyapade, wɔn a wogye me di na wɔatew wɔn ho no mu.


Ɛnne afei afobu biara nni hɔ mma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu.


Na ne mu na efi na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno mu na efi, na Nyankopɔn ayɛ nyansa ne trenee ne ahotew ne ogye ama yɛn.


Na yɛn nyinaa nso, Yudafo oo, Helafo oo, nkoa oo, adehye oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom koro no mu ma yɛbɛyɛɛ nipadua biako, na wɔmaa yɛn nyinaa nom honhom biako.


Saa na anka mo mu bi te ara nen; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo; nneɛma dedaw no atwam, hwɛ, nneɛma nyinaa ayɛ foforo.


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu.


Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛɛ Kristo Yesu somafo de kɔma ahotefo a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifo:


Ɔno ankasa mu na yɛanya ogye a ɛnam ne mogya so, a ɛne mfomso fakyɛ no, wɔ n'adom bebree mu.


Na yɛyɛ n’adwinni a ɔyɛe, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnantew mu no.


monkae sɛ da bi hɔ no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafo a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔho bɔhyɛ apam horow no ho, na munni anidaso biara, na munni Nyankopɔn bi wɔ wiase.


na kan no monantewee sɛnea wiase abrabɔ te ne sɛnea wim tumi no panyin no te, honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma, asoɔden mma mu no.


Na wanyan yɛne no, na ɔde yɛne no atena ɔsoro hɔnom, Kristo Yesu mu,


Ɛno nti na wɔankwati mogya anhyɛ kan apam no nso ase.


Efisɛ Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko, nea ɔteɛ hu maa wɔn a wɔnteɛ, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, na wɔma ɔtenaa ase honhom mu.


Na wɔtoo dwom foforo sɛ: Wofata sɛ wugye nhoma no na wubue ne nsɔano no, efisɛ wɔakum wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios