Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 1:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Na ɔde ade nyinaa ahyɛ ne nan ase, na ɔde no ayɛ ade nyinaa so ti ama asafo

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na ɔde ade nyinaa ahyɛ ne nan ase na ɔde no ayɛ nnoɔma nyinaa so tire ama asafo

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Na ɔde ade nyinaa ahyɛ ne nan ase na ɔde no ayɛ nnoɔma nyinaa so tire ama asafo

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na ɔde ade nyinaa ahyɛ ne nan ase, na ɔde no ayɛ ade nyinaa so ti ama asafo

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 1:22
18 Referencias Cruzadas  

Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.


AWURADE asɛm a osee me wura ni: Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso.


Wobɛnantew gyata ne ahurutoa so, wubetiatia gyataforo ne ɔtweaseɛ so.


Na me nso mise wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo besi, na asaman apon remmu mfa so.


Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa mogya anya wɔn no yiye.


Na mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn.


ɔno na anuonyam nka no asafo no mu, Kristo Yesu mu, mfa nkɔ bere santen a ɛbɛba no ntoatoaso nyinaa mu. Amen.


efisɛ okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔno ara na ɔyɛ Agyenkwa ma nipadua no.


Na ɔno ne nipadua a ɛne asafo no ti; ɔne mfiase, awufosɔre mu farebae, sɛ ɔnyɛ ade nyinaa mu kannifo.


a wabeyi mo honhom mu dɔ akyerɛ yɛn nso nkyɛn no.


na moayɛ ma wɔ no mu: Ɔno na ɔyɛ mpanyinni ne tumidi nyinaa ti,


Nanso onso ti no a nipadua no nyinaa fi mu nam akwaa ne ntini biara so nya aduan na wɔtoatoa mu nyin wɔ nyin a efi Onyankopɔn mu no.


na sɛ ebia mekyɛ a, woahu sɛnea ɛsɛ sɛ wubu wo bra Onyankopɔn fi a ɛyɛ Onyankopɔn teasefo asafo, nokware dum ne nnyinaso no mu.


wode ade nyinaa ahyɛ n’anan ase. Na sɛ ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ n’ase yi, wannyaw biribiara a wamfa anhyɛ n’ase. Na mprempren de, yennya nhui sɛ wɔde nneɛma nyinaa ahyɛ n’ase,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios