Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 8:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Mo nsam na Onyankopɔn de Midian asafohene Oreb ne Seeb ahyɛ, na dɛn na matumi mayɛ sɛ mo? Na ɔkaa saa no, wɔn bo gyaa no fuw.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Mo nsam na Onyankopɔn de Midian asafohene Oreb ne Seeb ahyɛ, na deɛn na matumi mayɛ sɛ mo? Na ɔkaa saa no, wɔn bo gyaa no fuo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Onyankopɔn maa mudii Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene no so. Dɛn na matumi ayɛ a ɛsɛ eyi?” Efraim mmarima no tee Gideon mmuae no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Mo nsam na Onyankopɔn de Midian asafohene Oreb ne Seeb ahyɛ, na deɛn na matumi mayɛ sɛ mo? Na ɔkaa saa no, wɔn bo gyaa no fuo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Onyankopɔn ma modii Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene no so. Ɛdeɛn na matumi ayɛ a ɛsɛ yei?” Efraim mmarima no tee Gideon mmuaeɛ no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Mo nsam na Onyankopɔn de Midian asafohene Oreb ne Seeb ahyɛ, na dɛn na matumi mayɛ sɛ mo? Na ɔkaa saa no, wɔn bo gyaa no fuw.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 8:3
15 Referencias Cruzadas  

Ɛnyɛ yɛn, AWURADE, ɛnyɛ yɛn, na wo din mmom na anuonyam nka w’adɔe nti, wo nokware nti.


Na ɛnyɛ wɔn ara afoa na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na egyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, efisɛ wopɛ wɔn.


Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.


Nea ne bo kyɛ fuw no yɛ sen dɔmmarima, na nea odi ne honhom so no sen nea ɔko fa kurow.


Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kɛntɛn mu.


Abodwokyɛre dan ɔtemmufo ti, na tɛkrɛmabere bu dompe mu.


Na eyi mu na asɛm no yɛ nokware sɛ: Obi gu, na obi twa.


Na menam ɔdom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene, sɛnea Onyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ de ama obiara no.


Na yɛwowɔ adom akyɛde a nsonsonee deda mu, sɛnea adom a wɔde adom yɛn no te. Sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, ma no nhyɛ no sɛnea gyidi nsusuwii pa no te.


Munnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ara mo ho.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dɛn na mayɛ afei a ɛte sɛ mo de? So Efraim mpɛpɛwadi nye nsen Abieser bobetew nyinaa?


Na Gideon duu Yordan ano no, ɔne mmarima ahasa a wɔka ne ho no twae; wɔabrɛ, nanso wotiw wɔn ara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios