Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 4:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔte Debora kyeresia ase, Rama ne Betel ntam, Efraim bepɔw so; na Israelfo foro baa ne nkyɛn sɛ onni wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔte Debora kyiresua ase, Rama ne Betel ntam, Efraim bepɔ so; na Israelfoɔ foro ba ne nkyɛn sɛ ɔmmu wɔn atɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na ɔtenaa Debora Abɛ Dua ase a ɛwɔ Rama ne Bet-El ntam wɔ Efraim bepɔw asase no so. Ɛhɔ na na Israelfo no kɔ ma odi wɔn nsɛm.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔte Debora kyiresua ase, Rama ne Betel ntam, Efraim bepɔ so; na Israelfoɔ foro ba ne nkyɛn sɛ ɔmmu wɔn atɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na ɔtenaa Debora Abɛ Dua ase a ɛwɔ Rama ne Bet-El ntam wɔ Efraim bepɔ asase no so. Ɛhɔ na na Israelfoɔ no kɔ ma ɔdi wɔn nsɛm.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔte Debora kyeresia ase, Rama ne Betel ntam, Efraim bepɔw so; na Israelfo foro baa ne nkyɛn sɛ onni wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 4:5
18 Referencias Cruzadas  

Na Rebeka gyigyefo Debora wui, na wosiee no Betel anafo fam wɔ odum bi ase, na ɔtoo no din Alonbakut.


Na ade kyee no, Mose tenaa ase sɛ ɔrebu ɔman no atɛn; na ɔman no gyinaa Mose ho fi anɔpa kosii anwummere.


Sɛ wonya asɛm bi a, wɔba me nkyɛn, na mibu onipa ne ne yɔnko ntam atɛn, na mekyerɛ wɔn Onyankopɔn ahyɛde ne ne mmara.


Afei tie me nne, metu wo fo, na Onyankopɔn nni w'akyi; wo de, gyina Onyankopɔn anim ma ɔman no, na fa nsɛm no brɛ Onyankopɔn,


Na wosiesie ɔman no mu nsɛm bere nyinaa mu: nsɛm a ɛyɛ den no, wɔde brɛɛ Mose, na nsɛm nketewa de, wɔn ara dii.


Sɛ AWURADE se ni; Wɔte nne bi Rama, agyaadwotwa ne osu yawyaw. Rahel resu ne mma, na ɔmpene ne mma ho awerɛkyekye, efisɛ wonni hɔ.


na efi Betel de kɔ Lus, na etwam kɔ Arkifo hye so wɔ Atarot,


Bet-araba, Semaraim ne Betel,


Gibeon, Rama ne Beerot,


Nso odiyifobea Debora a ɔyɛ Lapidot yere na odi Israel anim saa bere no.


Na Efraimni barima bi wɔ hɔ a ofi Ramataim a ɛwɔ Efraim bepɔw no so a ne din de Elkana. Ɔyɛ Yeroham ba, na ne nana ne Elihu. Elihu nso yɛ Tohu ba na ne nana ne Suf.


Na wɔsɔree anɔpatutu kɔsɔree wɔ AWURADE anim, na wɔsan baa wɔn fi wɔ Rama. Na Elkana ne ne yere Hana dae, na AWURADE kaee no;


Na Saul tee sɛ wɔahu nea Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no wɔ. Na Saul te Gibea, ɔsantɛw bi ase wɔ koko bi so, na ne okura peaw, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho.


Na Samuel wui; na Israel nyinaa boaboaa wɔn ho ano begyam no, na wɔkoraa no ne fi wɔ Rama. Na Dawid sɔre sian kɔɔ Paran sare so.


Na ɔsan ba Rama, na ɛhɔ na ne fi wɔ; na odi Israel so wɔ hɔ, na osii afɔremuka wɔ hɔ maa AWURADE.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios