Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 8:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Saulo de, ɔhaw asafo no hyɛnhyɛn afi mu kɔtwee mmarima ne mmea ma wɔde wɔn koguu afiase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na Saulo deɛ, ɔhaa asafo no, hyɛnehyɛnee afie mu, kɔtwee mmarima ne mmaa, na ɔde wɔn kɔguu afiase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Esiane sɛ na Saulo pɛ sɛ ogu asafo no nti ɔkɔɔ afi mu kɔkyekyeree agyidifo mmarima ne mmea de wɔn guu afiase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Saulo deɛ, ɔhaa asafo no, hyɛnehyɛnee afie mu, kɔtwee mmarima ne mmaa, na ɔde wɔn kɔguu afiase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Esiane sɛ na Saulo pɛ sɛ ɔgu asafo no enti, ɔkɔɔ afie mu kɔkyekyeree agyidifoɔ mmarima ne mmaa de wɔn guu afiase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na Saulo de, ɔhaw asafo no hyɛnhyɛn afi mu kɔtwee mmarima ne mmea ma wɔde wɔn koguu afiase.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 8:3
13 Referencias Cruzadas  

Na ne wuranom hui sɛ wɔn mfaso abɔ wɔn no, wosusoo Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ gua so mpanyimfo anim.


Na mekae sɛ: Awurade, wɔn ara wonim sɛ wɔn a wogye wo di no, mede wɔn miguu afiase, na mehwee wɔn hyia adan nyinaa mu.


na wosunsum no fii kurow no mu kosiw no abo. Na adansefo no de wɔn ntama guguu aberante bi a wɔfrɛ no Saulo anan ase.


Nso nnipa nyamesurofo bi siee Stefano, na wosuu no pii.


Na wɔn a wɔtee nyinaa ho dwiriw wɔn, na wose: Ɛnyɛ oyi ne nea ɔsɛee wɔn a wɔbɔ din yi wɔ Yerusalem, na eyi nti ɔbaa ha sɛ ɔbɛfa wɔn hama mu akɔma asɔfo mpanyin no anaa?


Na mene asomafo no mu akumaa a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo mpo, efisɛ metaa Onyankopɔn asafo no;


Na moate abrabɔ a kan no na mebɔ no wɔ Yudafo som mu, sɛnea metaataa Onyankopɔn asafo maa no boroo so, na mesɛee wɔn,


mmɔdemmɔ fam, metaa asafo no, mmara mu trenee fam, wɔannya me ho asɛm.


Ɛwom sɛ na anka kan no, meyɛ mmusubɔfo ne ɔtaafo ne onuɔdenfo, nanso wɔahu me mmɔbɔ, efisɛ minnim na meyɛe, ogye a mannye manni mu.


Na mo de, moabu ohiani no animtiaa. So ɛnyɛ adefo no na wɔhyɛ mo so, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnnii?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios