Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɛrekɔbɔ awia nnɔn abiɛsa a wɔbɔ mpae wom no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na ɛrekɔbɔ awia nnɔnmmiɛnsa a wɔbɔ mpaeɛ wɔ mu no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Da bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnabiɛsa a na ɛyɛ bere a wɔde bɔ mpae.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɛrekɔbɔ awia nnɔnmmiɛnsa a wɔbɔ mpaeɛ wɔ mu no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛda bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnmiɛnsa a ɛyɛ ɛberɛ a wɔde bɔ mpaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɛrekɔbɔ awia nnɔn abiɛsa a wɔbɔ mpae wom no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefi.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 3:1
27 Referencias Cruzadas  

Na afɔrebɔ bere mu no, odiyifo Elia twiw bae, na ɔkae sɛ: AWURADE, Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, nnɛ ma wonhu sɛ wo na wone Nyankopɔn Israel mu na mene w’akoa, na w’asɛm so na mayɛ ade yi nyinaa.


Anadwofa ne anɔpa ne owigyinae na medwen me tirim na masi apini, na ɔbɛte me nne.


Fa oguan ba no biako bɔ afɔre anɔpa, na fa oguan ba biako no bɔ afɔre anwummere;


Oguammaa biako na fa bɔ anɔpa, na fa oguammaa biako no bɔ anwummere de.


Na nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakob ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so wɔ fa baabi.


Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho no, ne werɛ fii ase howee, na ne ho yeraw no pa ara.


Na efi bɛyɛ awia dumien bere mu no, esum duruu asase nyinaa so kosii awia nnɔnabiɛsa.


Na ɔrehyew no, na nnipakuw no nyinaa gyina adiwo rebɔ mpae.


Nnipa baanu kɔɔ asɔrefi mpaebɔ; obiako yɛ Farisini, na obiako nso yɛ ɔtowgyeni.


Na ɔsomaa Petro ne Yohane sɛ: Monkɔ nkosiesie Twam no mma yɛn, na yemmedi.


Na wɔwɔ asɔrefi hɔ daa yii Onyankopɔn ayɛ.


Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atade kyekyeree ne ho so, efisɛ na ɔda adagyaw, na ɔtow ne ho hwee po no mu.


Ɛbɛyɛ sɛ awia nnɔn abiɛsa no, ohuu anisoade pefee sɛ Onyankopɔn bɔfo baa ne nkyɛn besee no sɛ: Kornelio!


Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu ara, na merebɔ nnɔn abiɛsa mu mpae wɔ me fi; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn begyinaa m’anim,


Na daa wɔde koma koro hyia mu wɔ asɔrefi, na wobubuu abodoo afi mu de ahosan ne koma kronn dii wɔn aduan,


na ohuu Petro ne Yohane sɛ wɔrekɔ asɔrefi hɔ no, ɔsrɛɛ mmɔborohunu ade.


Na Petro ne Yohane de wɔn ani hwɛɛ no dinn kae sɛ: Hwɛ yɛn!


Na wohuu Petro ne Yohane akokoduru, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wohuu wɔn sɛ wɔne Yesu na ɛnantewee.


Na obi bae bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, mmarima a mode wɔn guu afiase no gyina asɔrefi rekyerɛkyerɛ ɔman no.


Na asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafo agye Onyankopɔn asɛm no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn.


Na wohuu adom a wɔde ama me no, Yakob ne Kefa ne Yohane a wobu wɔn sɛ adum no teɛɛ ayɔnkofa nsa nifa maa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufo mu, na wɔn de, wɔnka no twetiatwafo mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios