Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 26:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm. Ɛnna Paulo teɛɛ ne nsa yii ano sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm. Ɛnna Paulo tenee ne nsa yii ano sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Paulo se, “Afei mema wo ho kwan sɛ wuyi wo ho ano.” Paulo maa ne nsa so kasae se,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm. Ɛnna Paulo tenee ne nsa yii ano sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Afei, mema wo ho ɛkwan sɛ woyi wo ho ano.” Paulo maa ne nsa so kasaa sɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm. Ɛnna Paulo teɛɛ ne nsa yii ano sɛ:

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 26:1
12 Referencias Cruzadas  

Na mɛka w’adanse ho asɛm, ahene anim, na m’ani renwu.


Sɛ mafrɛ, na mokame, mateɛ me nsam, na obi mfa nyɛ hwee,


Nea obua asɛm ansa na ɔte no, ɛyɛ agyimisɛm ne aniwu ma no.


Nea ɔbɔ ne nkuro kan yɛ sɛ ɔtreneeni kosi sɛ ne yɔnko ba bɛpɛɛ no mu.


Na hwɛ, wo so na meteɛɛ me nsa, na metew w’aduan a mehyɛe so, na miyii wo memae sɛ w’atamfo, Filistifo mmabea a wɔn ani wuu w’ahohwibɔ ho no pɛ no.


Yɛn mmara ntiee onipa, nhuu nea ɔyɛe ansa a, ebu no atɛn anaa?


Anuanom ne agyanom, muntie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi!


Na mibuaa wɔn sɛ ɛnyɛ Romafo amanne sɛ wobeyi onipa bi ama, gye sɛ nkurobɔfo no ne nea wɔne no wɔ nkuro no ahyia, na wanya ɔkwan ayi nea wɔde ato no so no ano ansa.


Na ɛyɛ me sɛ nyansa biara nnim sɛ mema wɔde ɔdeduani no bɛkɔ, na menkyerɛ asɛm ko a wɔde ato no so.


Mibu no sɛ ɛyɛ akraye ma me sɛ merebeyi m’ano nnɛ wo, ɔhene Agripa, anim, wɔ nneɛma a Yudafo de toto m’ano nyinaa ho,


Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ: Kɔ ara, na oyi ne nea a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahene ne Israel mma anim.


Na Israelfo ho de, ɔka sɛ: Daa nyinaa metrɛw me nsam memaa ɔman asoɔdenfo nyiyianofo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios