Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 4:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛɛ oguanhwɛfo, na Kain de, ɔyɛɛ okuafo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛ odwanhwɛfoɔ, ɛna Kain nso yɛ okuafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Akyiri no, ɔsan woo nʼakyi babarima too no din Habel. Na Habel bɛyɛɛ oguanhwɛfo, na Kain nso bɛyɛɛ okuafo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛ odwanhwɛfoɔ, ɛna Kain nso yɛ okuafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Akyire no, ɔsane woo nʼakyiri ɔbabarima too no edin Habel. Na Habel bɛyɛɛ odwanhwɛfoɔ, ɛnna Kain nso bɛyɛɛ okuafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛɛ oguanhwɛfo, na Kain de, ɔyɛɛ okuafo.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 4:2
19 Referencias Cruzadas  

Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudifo; na munim sɛ daa nkwa rentena owudifo biara mu.


ɛnyɛ sɛ Kain a ofi bɔne mu na okum ne nua no. Na adɛn nti na okum no? Efisɛ n’ankasa nnwuma yɛ bɔne, na ne nua de no de, ɛteɛ.


efi Habel mogya so de kosi Sakaria a ɔtɔe afɔremuka ne asɔredan ntam no mogya so. Yiw, mise mo sɛ, wɔbɛhwehwɛ wɔ nnɛ mma yi nsam.


Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn.


Mo de, mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.


Na Farao bisaa ne nuanom no sɛ: Mo adwuma ne dɛn? Na wɔka kyerɛɛ Farao sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfo, yɛn ne yɛn agyanom nso.


Bere bi a Mose rehwɛ n'ase Yetro, Midian sɔfo no, nguan, na ɔkaa wɔn de wɔn kɔɔ sare no akyi noho, na oduu Onyankopɔn bepɔw Horeb ho.


na AWURADE faa me fii nguan akyidi, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel.


Hwɛ, mma yɛ agyapade a efi AWURADE hɔ, na yafunu mu aba yɛ akatua.


Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Wo nuanom yɛn nguan wɔ Sekem. Bra na mensoma wo, wɔn nkyɛn. Na ose: Mini.


Na Noa fii ase yɛɛ kua, na ɔyɛɛ bobeturo.


AWURADE Nyankopɔn tuu no fii Eden turom hɔ sɛ ɔnkɔdɔw asase a wɔfaa no fii mu no.


na wɔahwehwɛ adiyifo nyinaa mogya a wohwie gui fi wiase asehyɛ so wɔ nnɛ mma yi nsam,


Na Adam ne ne yere Hawa hyiae, na onyinsɛnee, na ɔwoo Kain, na ɔkae se: AWURADE adaworoma, manya ɔbarima.


Na ɛbae sɛ nna bi akyi no, Kain de afum nneɛma bɛyɛɛ AWURADE ayɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios