Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na da a ɛto so ason no, Onyankopɔn wiee n'adwuma a ɔyɛe no, na da a ɛto so ason no, ɔhome fii n'adwuma a ɔyɛe nyinaa ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na da a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie n’adwuma a ɔyɛeɛ no, na da a ɛtɔ so nson no, ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ nyinaa ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Eduu da a ɛto so ason no, na Onyankopɔn awie nnwuma a ofii ase yɛe no nyinaa. Enti da a ɛto so ason no, ogyee nʼahome.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na da a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie n’adwuma a ɔyɛeɛ no, na da a ɛtɔ so nson no, ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ nyinaa ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛduruu ɛda a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie nnwuma a ɔhyɛɛ aseɛ yɛeɛ no nyinaa. Enti, ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔgyee nʼahome.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na da a ɛto so ason no, Onyankopɔn wiee n'adwuma a ɔyɛe no, na da a ɛto so ason no, ɔhome fii n'adwuma a ɔyɛe nyinaa ho.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 2:2
11 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa. Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so asia nen.


Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ ɛno mu na Onyankopɔn home fii n'adwuma a ɔbɔe na ɔyɛe nyinaa ho.


Nnansia na fa yɛ w'adwuma, na ɛda a ɛto so ason no, fa home; ma wo nantwi ne w'afurum nhome, na w'afenaa ba ne wo hɔho nya ahomegye.


Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na da a ɛto so ason no yɛ ɔhome mu homeda a ɛyɛ kronkron ma AWURADE; obiara a ɔyɛ adwuma homeda no, okum na wobekum no.


Me ne Israel ntam sɛnkyerɛnne ne no de kosi daa; na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, na da a ɛto so ason no ɔhomee na odwudwoo ne koma.


Sɛ wusianka wo nan homeda na me da kronkron no, woanyɛ nea wopɛ, na wofrɛ homeda sɛ anigyede, ne AWURADE da kronkron no sɛ da a ɛsɛ nidi, na wudi no ni, na woamfa wankasa akwan so, na woanyɛ nea wo ara wopɛ, na woankeka nsɛm a,


Na obuaa wɔn sɛ: M’Agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.


na ɛda a ɛto so ason no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn, nyɛ adwuma biara, wo ne wo babarima ne wo babea, ne w’akoa ne w’afenaa, ne wo nantwi ne w’afurum ne wo mmoa nyinaa, ne wo hɔho a ɔwɔ wo kurow apon mu: Na w’akoa ne w’afenaa ahome sɛ wo.


Na nea wahyɛn ne home mu no, ɔno nso home fii ne nnwuma ho, sɛnea Onyankopɔn home fii ne de ho no.


Na baabi waka ɛda a ɛto so ason no ho asɛm sɛ: Na Onyankopɔn homee da a ɛto so ason fi ne nnwuma nyinaa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios