Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 1:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔfrɛɛ hann no sɛ: Adekyee, na esum no de, ɔfrɛɛ no adesae. Na ade sae, na ade kyee, da a edi kan nen.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔfrɛɛ hann no sɛ adekyee, ne esum no adesae. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛdi kan ne no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Onyankopɔn frɛɛ hann no se, “adekyee,” na sum no nso se, “adesae.” Ade sae na ade kyee, da a edi kan ne no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔfrɛɛ hann no sɛ adekyee, ne esum no adesae. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛdi kan ne no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Onyankopɔn frɛɛ hann no sɛ adekyeeɛ, na esum no nso sɛ adesaeɛ. Adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ, ɛda a ɛdi ɛkan no no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔfrɛɛ hann no sɛ: Adekyee, na esum no de, ɔfrɛɛ no adesae. Na ade sae, na ade kyee, da a edi kan nen.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 1:5
16 Referencias Cruzadas  

Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so abiɛsa nen.


Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so anan nen.


Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so anum nen.


Na Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa. Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so asia nen.


Na Onyankopɔn frɛɛ ntrɛw mu no ɔsoro. Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so abien nen.


Nna nyinaa a asase wɔ hɔ yi, ogu ne otwa, awɔw ne ahohuru, asusow ne ɔpɛ, awia ne anadwo rennyae da.


Woma sum duru, na ade sa, ɛno mu na kwae mu mmoa nyinaa keka wɔn ho.


Da koro biara woro kyerɛ, na anadwo biara da nimdeɛ adi.


Na wo nsɛnkyerɛnne nti wɔn a wɔte akyirikyiri noho suro, woma wɔn a wɔte apuei ne atɔe noho tɔnn to ahosan dwom.


Adekyee yɛ wo de, anadwo nso wɔ wo, wo na woasiesie akanea ne owia.


Me na mebɔ hann, na mebɔ sum, mema asomdwoe, na mede amane ba; me, AWURADE, na meyɛ eyinom nyinaa.


Sɛ AWURADE se ni: Sɛ mubetumi abubu m’awia apam ne m’anadwo apam no, na awia ne anadwo amma ne bere mu a,


Na asafo no nyinaa hui sɛ Aaron awu no, na Israel fi nyinaa suu no adaduasa.


obiara adwuma bɛda adi, na ɛda no beyi no adi, efisɛ ogya mu na ɛbɛda adi, na sɛnea obiara adwuma te no, ogya no bɛsɔ ahwɛ;


Na nneɛma no nyinaa, sɛ wɔma ɛda adi a, hann yi no adi; efisɛ nea woyi adi nyinaa yɛ hann.


Mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyee mma; yɛnyɛ anadwo anaa esum dea.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios