Yuda 1:11 - Twerɛ Kronkron11 Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔafa Kain kwan so, na mfasoɔ nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera sɛ Kora wɔ atuateɛ mu. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm11 Wonnue! Ɔkwan a Kain faa so no ara so na wɔnam. Sikanibere nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm ase. Wɔatew Onyankopɔn so atua sɛnea Kora yɛe pɛpɛɛpɛ, eyi nti wɔbɛsɛe wɔn. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible11 Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔafa Kain kwan so, na mfasoɔ nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera sɛ Kora wɔ atuateɛ mu. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm11 Wɔnnue! Ɛkwan a Kain faa so no ara so na wɔnam. Sikanibereɛ enti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm ase. Wɔate atua atia Onyankopɔn sɛdeɛ Kora yɛeɛ pɛpɛɛpɛ. Yei enti wɔbɛsɛe wɔn. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON11 Wonnue, efisɛ wɔafa Kain kwan so, na mfaso nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera Kora atuatew mu. Ver Capítulo |