Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 9:21 - Twerɛ Kronkron

21 Na mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔntena ase, na wɔnyɛ nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ mma asafo no nyinaa, sɛdeɛ mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Momma wɔntena. Nanso, yɛbɛma wɔabu nnua, akɔ asu ama asafo no nyinaa.” Enti Israelfo no dii bɔ a wɔahyɛ Gibeonfo no so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔntena ase, na wɔnyɛ nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ mma asafo no nyinaa, sɛdeɛ mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Momma wɔntena. Nanso, yɛbɛma wɔabu nnua, akɔ asuo ama asafo no nyinaa.” Enti Israelfoɔ no dii ɛbɔ a wɔahyɛ Gibeonfoɔ no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 na mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔntena ase, na wɔnyɛ nnuatwafo ne nsusawfo mma asafo no nyinaa, sɛnea mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn no.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 9:21
9 Referencias Cruzadas  

Ne nne gyegye kɔ sɛ ɔwɔ a ɔtene, na wɔde dɔm nam reba ne so, na wɔde mmonnua reba ne so sɛ nnuabufoɔ.


Ɛnnɛ mo nyinaa mogyina AWURADE mo Nyankopɔn anim; mo atitire, mo mmusuakuo, mo mpanimfoɔ ne mo ahwɛfoɔ, Israel mmarima nyinaa;


mo mma, mo yerenom ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo nsraban mu, ɛfiri duabuni so kɔsi wo nsusafoɔ soɔ,


Na Yerusalem hene Adoni-sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasapasa ne sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko ne ne hene no, saa ara na wayɛ Ai ne ne hene nso,


Na Yosua ne wɔn dii no asomdwoeɛ mu, na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔbɛma wɔatena ase; na asafo no mu mmapɔmma kekaa wɔn ntam.


Yei na yɛbɛyɛ wɔn, na yɛama wɔatena ase, na ntam a yɛkaa wɔn no nti, abufuo amma yɛn so.


Enti afei wɔadome mo, na mo mu na nkoa ne nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ a wɔbɛyɛ adwuma ama ne Nyankopɔn fie no bɛfire daa.


Na da no ara Yosua de wɔn yɛɛ nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ maa asafo no ne AWURADE afɔrebukyia no sɛ ɛntoa so mmɛsi nnɛ yi faako a ɔbɛyie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios