Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 8:3 - Twerɛ Kronkron

3 Na Yosua sɔree, ɔno ne akofoɔ dɔm no nyinaa sɛ wɔreforo akɔ Ai. Na Yosua yiyii mmarima akofoɔ mpem aduasa, na ɔgyaa wɔn kwan anadwo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Yosua ne Israel nsraadɔm no sii mu sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Ai so. Yosua yii asraafo mpem aduasa, somaa wɔn anadwo,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yosua sɔree, ɔno ne akofoɔ dɔm no nyinaa sɛ wɔreforo akɔ Ai. Na Yosua yiyii mmarima akofoɔ mpem aduasa, na ɔgyaa wɔn kwan anadwo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Yosua ne Israel akodɔm no siim sɛ wɔrekɔto ahyɛ Ai so. Yosua yii akodɔm ɔpeduasa, somaa wɔn anadwo,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na Yosua sɔree, ɔno ne akofo dɔm no nyinaa, sɛ wɔreforo akɔ Ai. Na Yosua yiyii mmarima akofo ɔpeduasa, na ogyaa wɔn kwan anadwo.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 8:3
10 Referencias Cruzadas  

Na Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi mmarima ma yɛn, na firi adi kɔ, na wo ne Amalek nkɔko. Ɔkyena me deɛ, mɛgyina kokoɔ no atifi, na makura Nyankopɔn poma no wɔ me nsam.


na wɔanhunu de kɔsii sɛ nsuo bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.


akoa no wura bɛba da a n’ani nna no kwan, ne dɔn a ɔnnim mu,


Na dasuo mu no, wɔtee nteamu sɛ: Hwɛ, ayeforɔkunu no ni oo! Momfiri adi nkɔhyia no!


Ɛfiri sɛ mo ara monim yie, sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifoɔ ba anadwo.


Ɛnna Yosua firii Gilgal foro kɔeɛ, ɔno ne akofoɔ no nyinaa ne nnɔmmarima nyinaa.


Na yɛ Ai ne ne hene sɛdeɛ woyɛɛ Yeriko ne ne hene no: Emu asadeɛ ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛfoɔ ma wɔnkɔtɛ kuro no akyiri mma wo.


Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ, monkɔtɛ kuro no, kuro no akyiri nohoa; mommma mo ne kuro no ntam nnware bebree, na mo nyinaa nnyina ahoboa mu.


Na Awurade da no bɛba sɛdeɛ owifoɔ ba. Emu na ɔsoro de kukurududu bɛtwam akorɔ, na ewie mu mfitiasedeɛ bɛhye asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhye.


Na afei sɔre anadwo, wo ne nnipa a wɔka wo ho no, na kɔtɛ wira mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios