Yosua 8:16 - Twerɛ Kronkron16 Ɛnna wɔteaa mu frɛɛ ɔman a wɔwɔ kuro no mu nyinaa sɛ wɔmmɛti wɔn; na wɔtii Yosua, na wɔtwee wɔn firii kuro no mu. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm16 enti Aifo no frɛɛ mmarima a wɔwɔ kuropɔn no mu no nyinaa ma wɔbɛtaa Israelfo no. Ɛyɛɛ saa maa wɔn nyinaa fii kuropɔn no mu. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible16 Ɛnna wɔteaa mu frɛɛ ɔman a wɔwɔ kuro no mu nyinaa sɛ wɔmmɛti wɔn; na wɔtii Yosua, na wɔtwee wɔn firii kuro no mu. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm16 enti Aifoɔ no frɛɛ mmarima a wɔwɔ kuropɔn no mu no nyinaa ma wɔbɛtaa Israelfoɔ no. Ɛyɛɛ saa maa wɔn nyinaa firii kuropɔn no mu. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON16 Ɛnna wɔteɛɛm frɛɛ ɔman a wɔwɔ kurow no mu nyinaa sɛ wommetiw wɔn; na wotiw Yosua, na wɔtwee wɔn fii kurow no ho. Ver Capítulo |