Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 7:16 - Twerɛ Kronkron

16 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na ɔde Israel pinkyɛe abusuakuo abusuakuo. Na wɔkyeree Yuda abusuakuo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ade kyee anɔpahema no, Yosua de Israel mmusuakuw no baa Awurade anim, na woyii Yuda abusuakuw no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na ɔde Israel pinkyɛe abusuakuo abusuakuo. Na wɔkyeree Yuda abusuakuo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua de Israel mmusuakuo no baa Awurade anim, na wɔyii Yuda abusuakuo no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na ɔde Israel twiw bɛnee abusuakuw abusuakuw; na wɔkyeree Yuda abusuakuw.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 7:16
7 Referencias Cruzadas  

Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔfaa n’asomfoɔ mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na ɔtwaa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina, na ɔsii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no.


Meyɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase, sɛ mɛdi wo mmara nsɛm soɔ.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wɔtu firii Sitim, na wɔduruu Yordan ano, ɔno ne Israelfoɔ nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wɔretwa.


Na deɛ wɔbɛkye no ahyiradeɛ no ho no, wɔmfa ogya nhye no ne deɛ ɔwɔ nyinaa, sɛ wato AWURADE ntam, na wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu.


Na ɔde Yuda mmusua pinkyɛe, na wɔkyeree Serafoɔ abusua. Na ɔde Serafoɔ abusua mu mmarima pinkyɛe mmaako mmaako, na wɔkyeree Sabdi.


Na Israelfoɔ no sɔree anɔpa kɔkyeree Gibea so nsraban.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios