Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 7:15 - Twerɛ Kronkron

15 Na deɛ wɔbɛkye no ahyiradeɛ no ho no, wɔmfa ogya nhye no ne deɛ ɔwɔ nyinaa, sɛ wato AWURADE ntam, na wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Onipa a wawia nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no, wɔbɛhyew no ne nʼagyapade nyinaa, efisɛ wabu Awurade apam no so na wayɛ nea ɛmfra koraa wɔ Israel.’ ”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Na deɛ wɔbɛkye no ahyiradeɛ no ho no, wɔmfa ogya nhye no ne deɛ ɔwɔ nyinaa, sɛ wato AWURADE ntam, na wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Onipa a wawia nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔsɛe no, wɔbɛhye no ne nʼagyapadeɛ nyinaa, ɛfiri sɛ wabu Awurade apam no so na wayɛ deɛ ɛmfra koraa wɔ Israel.’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na nea wɔbɛkyere no ahyirade no so no, wɔmfa ogya nhyew no ne nea ɔwɔ nyinaa, sɛ wato AWURADE ntam, na wayɛ nkwaseade Israel mu.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 7:15
11 Referencias Cruzadas  

Na Yakob mmammarima teeɛ no, wɔfirii wiram bae. Na ɛyɛɛ mmarima no ya, na wɔn bo fuu pa ara, sɛ Sekem adi Israel ho nkwaseasɛm sɛ ɔne Yakob babaa akɔda; adeɛ a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ.


Na me deɛ, ɛhe mpo na mede m’ahohora bɛkorɔ? Na wo deɛ, wobɛyɛ sɛ Israel mu nnyegyentwie no bi. Na afei ɛne ɔhene nkɔkasa, na ɔremfa me nkame wo.


Israel ayɛ bɔne, wɔato m’apam a mehyɛɛ wɔn ho mmara no nso, na wɔafa ahyiradeɛ no bi nso, na wɔabɔ korɔno nso, na wɔasi so nso, na wɔde asie wɔn adeɛ mu nso.


Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na ɔde Israel pinkyɛe abusuakuo abusuakuo. Na wɔkyeree Yuda abusuakuo.


na yɛayi nnipa ɔha mu du Israel mmusuakuo nyinaa mu ne apem mu ɔha ne mpemdu mu apem, na wɔakɔfa aduane abrɛ ɔman no, na sɛ wɔba a, wɔabɛyɛ Gibea a ɛwɔ Benyamin sɛ nkwaseasɛm a wɔdii no Israel mu no nyinaa teɛ.


Na Gibeafoɔ no sɔre tiaa me, na me nti wɔtwaa efie no ho hyiaa anadwo, anka me na wɔrepɛ me aku me, na me mpena no, wɔbrɛɛ no ase ara ma no wui.


Na mesɔɔ me mpena no mu twitwaa no asinasini, na memaa wɔde kɔɔ Israel agyapadeɛ asase nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔayɛ abusudeɛ ne nkwaseadeɛ Israel mu.


Ɛnna Saulo kaa sɛ: Mayɛ bɔne, sane bra, me ba Dawid, na merenyɛ wo bɔne bio, ɛfiri sɛ me kra boɔ ayɛ den w’ani so nnɛ da yi. Hwɛ, madi nkwaseasɛm na mafom bebree pa ara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios