Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 6:11 - Twerɛ Kronkron

11 Na AWURADE adaka no twaa kuro no ho hyiaa prɛko, na wɔbaa nsraban mu bɛdaa hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Enti, da no, wɔsoaa Awurade Adaka no twaa kuropɔn no ho pɛnkoro. Na afei obiara san kɔɔ atenae hɔ kɔhomee anadwo no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na AWURADE adaka no twaa kuro no ho hyiaa prɛko, na wɔbaa nsraban mu bɛdaa hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Enti, ɛda no, wɔsoaa Awurade Adaka no twaa kuropɔn no ho prɛko. Na afei obiara sane kɔɔ atenaeɛ hɔ kɔhomee anadwo no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na AWURADE adaka no twaa kurow no ho hyiae pɛnkoro, na wɔbaa nsra mu bɛdaa hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 6:11
4 Referencias Cruzadas  

Na ɔman no deɛ, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ: Mommmɔ ose, na mommma wɔnnte mo nne, na asɛm biara mmfiri mo anomu de kɔsi da a mɛse mo sɛ mommɔ ose no ansa na moabɔ ose.


Na Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfoɔ no soaa AWURADE adaka no.


Na da a ɛtɔ so mmienu no, wɔtwaa kuro no ho hyiaa prɛko, na wɔsane baa nsraban no mu. Wɔyɛɛ saa nnansia.


Na montwa kuro no ho nhyia; akofoɔ no nyinaa ntwa ho nhyia prɛko. Saa ara na yɛ no nnansia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios