Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 5:5 - Twerɛ Kronkron

5 Nanso ɔman no a wɔfiri Misraim firiiɛ no akyire wɔwoo wɔn kwan mu wɔ serɛ soɔ no nyinaa deɛ, na wɔntwitwaa wɔn twetia.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nnipa a wotu fii Misraim bae no, na wɔatwitwa wɔn nyinaa twetia, nanso wɔn a wɔwowoo wɔn wɔ sare no so wɔ akwantu bere no mu no de, na wontwitwaa wɔn twetia ɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Nanso ɔman no a wɔfiri Misraim firiiɛ no akyire wɔwoo wɔn kwan mu wɔ serɛ soɔ no nyinaa deɛ, na wɔntwitwaa wɔn twetia.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nnipa a wɔtu firii Misraim baeɛ no, na wɔatwitwa wɔn nyinaa twetia. Nanso wɔn a wɔwowoo wɔn wɔ ɛserɛ no so wɔ Otukorɔ berɛ no mu no deɛ, na wɔntwitwaa wɔn twetia.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔman a wofi Misraim bae no nyinaa, wɔatwitwa wɔn twetia, nanso ɔman no a wɔwoo wɔn ɔkwan mu wɔ sare no so, bere a wofi Misraim reba no nyinaa de, na wontwitwaa wɔn twetia ɛ.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 5:5
9 Referencias Cruzadas  

Na sɛ anka mote yei aseɛ, sɛ: Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ a, anka moammu wɔn a wɔnni fɔ no fɔ.


Enti sɛ momonotoni no di mmara mu nsɛntenenee so a, wɔremmu ne momonotoyɛ no sɛ twetiatwa anaa?


Twetia nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom Nyankopɔn ahyɛdeɛ sodie na ɛhia.


Ɛfiri sɛ Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidie a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


Na twetiatwa nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom abɔdeɛ foforɔ.


Na deɛ enti a Yosua twitwaa wɔn twetia ne sɛ: Ɔman no a wɔfiri Misraim baeɛ no mu mmarima nyinaa, akofoɔ no nyinaa wuwuu kwan mu wɔ serɛ so, wɔfiri Misraim firiiɛ no akyi.


Mfirinhyia aduanan na Israelfoɔ no nantee ɛserɛ soɔ kɔsii sɛ akofoɔ a wɔfiri Misraim baeɛ no nyinaa saa korakora, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE nne maa AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhunu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios