Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 24:21 - Twerɛ Kronkron

21 Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Dabi, na AWURADE ara na yɛbɛsom no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Nnipa no buaa Yosua se, “Dabi, yɛasi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛsom Awurade.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Dabi, na AWURADE ara na yɛbɛsom no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Nnipa no buaa Yosua sɛ, “Dabi, yɛasi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛsom Awurade.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Daabi, na AWURADE ara na yɛbɛsom no.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 24:21
9 Referencias Cruzadas  

Na ɔman mu no nyinaa buaa prɛko sɛ: Deɛ AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ. Na Mose sane kɔkaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE.


Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo na wo ne yɛn nkasa, na yɛbɛtie; na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa, na yɛanwuwu.


Na Mose ba bɛkaa AWURADE nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman no. Na ɔman mu no nyinaa de nne koro gyee so sɛ: Nsɛm a AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ.


Na ɔfaa apam nwoma no, na ɔkenkan guu ɔman no aso mu. Ɛnna wɔse: Deɛ AWURADE aka no nyinaa, yɛbɛyɛ na yɛbɛtie.


Oyi bɛse sɛ: Meyɛ AWURADE dea, na oyi nso de Yakob din afrɛ ne ho; na oyi nso bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ: AWURADE dea, na ɔde Israel din ato ne ho.


Ɛnnɛ woaka no AWURADE ho sɛ ɔbɛyɛ wo Nyankopɔn, na woanante n’akwan so, na woadi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ so, na woatie ne nne.


Sɛ mogya AWURADE hɔ na mokɔsom ananafoɔ anyame a, ɔbɛdane ayɛ mo bɔne na wama moahye, sɛ ɔyɛɛ mo yie kane no.


Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mo ara ne mo ho adansefoɔ sɛ mo ara moayi AWURADE afa sɛ mobɛsom no. Na wɔkaa sɛ: Adansefoɔ ne yɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios