Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 24:13 - Twerɛ Kronkron

13 Na memaa mo asase a woammrɛ ho ne nkuro a woankyekyerɛ, na motenaa mu; bobe nturo ne ngodua nturo nso a moantɛ na modie yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Memaa mo asase a ɛnyɛ mo na mudii ho dwuma, maa mo nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyeree, nkuropɔn a mote mu mprempren no. Memaa mo bobe nturo ne ngodua mfuw sɛ mubenya aduan, a mpo ɛnyɛ mo na muduae.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na memaa mo asase a woammrɛ ho ne nkuro a woankyekyerɛ, na motenaa mu; bobe nturo ne ngodua nturo nso a moantɛ na modie yi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Memaa mo asase a ɛnyɛ mo na modii ho dwuma, maa mo nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ, nkuropɔn a mote mu seesei no. Memaa mo bobe nturo ne ngo dua mfuo sɛ mobɛnya aduane, a mpo ɛnyɛ mo na moduaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na memaa mo asase a moammrɛ ho ne nkurow a moankyekye, na motenaa mu; bobe nturo ne ngodua nturo nso a moantɛw na mudi yi.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 24:13
7 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo rekɔ asase pa so, asase a ɛso wɔ nsubɔntene, nsuo aniwa ne atareɛ a ɛfifiri mmonhwa ne mmepɔ mu sene,


Onipa pa gya n’adeɛ ma mma mma, na ɔdebɔneyɛni ahonyadeɛ deɛ, wɔtia ma ɔteneneeni.


Asɛm pa a AWURADE kaa Israel fie no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu.


Nanso nkuro a ɛda so sisi wɔn sibea no nyinaa, Israel anhyehye, gye Hasor nko na Yosua hyeeɛ.


Na mede mo bɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma Abraham, Isak, Yakob no so, na mede bɛma mo sɛ agyapadeɛ. Mene AWURADE.


Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn twitwa amanaman a ɔde wɔn asase rema woɔ no, na wotu wɔn tena wɔn nkuro ne wɔn adan mu a,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios