Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 22:10 - Twerɛ Kronkron

10 Na wɔduruu Yordan ho asase a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no soɔ no, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sii afɔrebukyia hɔ wɔ Yordan ano, afɔrebukyia a wohwɛ a, ɛso.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔda so wɔ Kanaan no, ansa na wobetwa Asubɔnten Yordan no, Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no sii afɔremuka kɛse bi wɔ Asubɔnten Yordan nkyɛn, wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Gelilot no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na wɔduruu Yordan ho asase a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no soɔ no, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sii afɔrebukyia hɔ wɔ Yordan ano, afɔrebukyia a wohwɛ a, ɛso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔda so wɔ Kanaan no, ansa na wɔbɛtwa Asubɔnten Yordan no, Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sii afɔrebukyia kɛseɛ bi wɔ Asubɔnten Yordan nkyɛn, wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Gelilot no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na woduu Yordan ho asase a ɛwɔ Kanaan asase so no so no, Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no sii afɔremuka hɔ wɔ Yordan ano, afɔremuka a wohwɛ a, ɛso.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 22:10
10 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kaa sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn. Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa AWURADE a ɔyii ne ho kyerɛɛ no no.


Na ɔtu firii hɔ kɔɔ Betel apueeɛ bepɔ bi so. Na ɔsii ne ntomadan a Betel da n’atɔeɛ, na Ai da apueeɛ; na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE.


Na Yakob sɔree anɔpatutu, na ɔfaa ɔboɔ a ɔde yɛɛ sumiiɛ no de yɛɛ odum sii hɔ, na ɔhwiee ngo guu so.


Ɛda no na wɔde afɔrebukyia bɛsi Misraim asase mfimfini ama AWURADE, na ɔboɔdum bɛsi ne hyeɛ so ama AWURADE,


Na Israelfoɔ no tee sɛ wɔse: Hwɛ, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no asi afɔrebukyia wɔ Kanaan asase no anim, Yordan ho asase no so, ɔfa a ɛyɛ Israelfoɔ deɛ no so.


Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no firii Israelfoɔ no nkyɛn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ sane wɔn akyiri sɛ wɔrekɔ Gilead asase so, wɔn sodie asase a wɔnam AWURADE ahyɛdeɛ a ɛnam Mose soɔ no so de maa wɔn no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios