Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 20:4 - Twerɛ Kronkron

4 Na deɛ ɔdwane kɔ saa nkuro yi bi mu no nnyina kuro no pono ano, na ɔnka ne nsɛm ngu kuro no mu mpanimfoɔ aso mu, na wɔmfa no nkɔ wɔn nkyɛn, kuro no mu, na wɔmma no tenabea na ɔne wɔn ntena.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ onipa a wanhyɛ da na okum obi no du kuropɔn no bi so a, onkohu kuropɔn no mu mpanyimfo wɔ kuropɔn no pon ano na ɔnkyerɛ wɔn nea esii. Ɛsɛ sɛ wɔma ho kwan ma owura kuropɔn no mu, na wɔne no tena.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na deɛ ɔdwane kɔ saa nkuro yi bi mu no nnyina kuro no pono ano, na ɔnka ne nsɛm ngu kuro no mu mpanimfoɔ aso mu, na wɔmfa no nkɔ wɔn nkyɛn, kuro no mu, na wɔmma no tenabea na ɔne wɔn ntena.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ onipa a wanhyɛ da na ɔkum obi no duru kuropɔn no bi so a, ɔnkɔhunu kuropɔn no mu mpanimfoɔ wɔ kuropɔn no ɛpono ano na ɔnkyerɛ wɔn deɛ ɛsiiɛ. Ɛsɛ sɛ wɔma ho kwan ma ɔwura kuropɔn no mu, na wɔne no tena.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na nea oguan kɔ saa nkurow yi bi mu no nnyina kurow no pon ano, na ɔnka ne nsɛm no ngu kurow no mu mpanyimfo asom, na wɔmfa no nkɔ wɔn nkyɛn, kurow no mu, na wɔmma no tenabea na ɔne wɔn ntena.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 20:4
8 Referencias Cruzadas  

Mefiri adi mekɔ kuro pono ano, na mede m’adwa mesi mpraeɛ so a,


ne mma ne nkwagyeɛ ntam twe, na wɔpɛkyɛ wɔn wɔ kuro pono mu a ɔgyefoɔ nni hɔ.


Nhwim me kra nka nnebɔneyɛfoɔ ho, anaasɛ me nkwa nka mogyapɛfoɔ ho nkɔ.


Wɔnim ne kunu kuro apono mu, berɛ a ɔte asase no so mpanimfoɔ mu.


Na Etiopiani Ebed-melek, opiani a ɔwɔ ahemfie no tee sɛ wɔde Yeremia ato abura no mu; berɛ a na ɔhene no te Benyamin ponkɛseɛ mu.


na yɛafa nnoɔma mmienu a ɛnsakyera, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni atorɔ wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛmu a emu yɛ den, na yɛn a yɛadwane repɛ hintabea no bɛsɔ anidasoɔ a ɛda yɛn anim no mu.


na onipakumfoɔ a ɔbɛkum obi nsapa mu anaa wammoapa no nnwane nkɔ hɔ, na ɛnyɛ mo dwanekɔbea mfiri mogya ho werefoɔ nsam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios