Yosua 18:8 - Twerɛ Kronkron8 Ɛnna mmarima no sɔre kɔeɛ; na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekɔ akɔtwerɛ asase no ho asɛm no sɛ: Monkɔ nkɔkyini asase no so na montwerɛ ho asɛm, na monsane mmra me nkyɛn, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE anim ha wɔ Silo. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm8 Mmarima a wɔrekosusuw asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyɛ asase no, na monsan mfa nea muhui ho nsɛm a moakyerɛw agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no Awurade anim wɔ Silo no so de asase no bɛma mmusuakuw no.” Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible8 Ɛnna mmarima no sɔre kɔeɛ; na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekɔ akɔtwerɛ asase no ho asɛm no sɛ: Monkɔ nkɔkyini asase no so na montwerɛ ho asɛm, na monsane mmra me nkyɛn, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE anim ha wɔ Silo. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm8 Mmarima a wɔrekɔsusu asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyɛ asase no, na monsane mfa deɛ mohunuiɛ ho nsɛm a moatwerɛ agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no Awurade anim wɔ Silo no so de asase no bɛma mmusuakuo no.” Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON8 Ɛnna mmarima no sɔre kɔe; na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekɔ akɔkyerɛw asase no ho asɛm no sɛ: Monkɔ nkokyin asase no so na monkyerɛw ho asɛm, na monsan mmra me nkyɛn, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE anim ha wɔ Silo. Ver Capítulo |