Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 18:4 - Twerɛ Kronkron

4 Montu abusuakuo biara mu nnipa baasa, na mensoma wɔn mma wɔnsɔre nkɔkyini asase no so, na wɔntwerɛ ho asɛm, sɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ, na wɔmmra me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Munyi nnipa baasa mfi abusuakuw biara mu na mɛsoma wɔn ama wɔakɔsra baabi a wonnii hɔ so no. Wɔsan ba a, wɔbɛkyerɛw nea wohui agu krataa so akyerɛ me sɛnea wɔbɛkyekyɛ agyapade no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Montu abusuakuo biara mu nnipa baasa, na mensoma wɔn mma wɔnsɔre nkɔkyini asase no so, na wɔntwerɛ ho asɛm, sɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ, na wɔmmra me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Monyi nnipa baasa mfiri abusuakuo biara mu na mɛsoma wɔn ama wɔakɔsra baabi a wɔnnii hɔ soɔ no. Wɔsane ba a, wɔbɛtwerɛ deɛ wɔhunuiɛ agu krataa so akyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛkyekyɛ agyapadeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Muntu abusuakuw biara mu nnipa baasa, na mensoma wɔn mma wɔnsɔre nkokyin asase no so, na wɔnkyerɛw ho asɛm, sɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛyɛ wɔn agyapade, na wɔmmra me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 18:4
9 Referencias Cruzadas  

Enti worennya deɛ ɔde susuhoma bɛto wo kyɛfa soɔ, AWURADE asafo mu.


na abusuakuo biara mu ɔbarima bi mmɛka mo ho, ɔbarima a ɔyɛ ne mpanimfie mu otitire.


Fa mmarima soma wɔn, na wɔnkɔsra Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ no; monsoma ɔbarima baako mfiri wɔn nananom abusuakuo biara mu, na wɔn mu biara nyɛ wɔn mu mmapɔmma no bi.


Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn mo nan ase akɔsie ansa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?


Na monkyekyɛ mu nkyekyɛmu nson. Yuda nnyina ne hyeɛ so anafoɔ fam, na Yosef fie nnyina wɔn hyeɛ so atifi fam.


Na montwerɛ asase no nkyekyɛmu nson no ho asɛm, na momfa mmrɛ me ha, na mentwe ntonto memma mo AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha.


Na mmarima no sii mu kɔ kɔfaa asase no so, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ nkuro no teteɛ nkyekyɛmu nson de hyɛɛ nwoma bi mu, na wɔsane baa Yosua nkyɛn Silo nsraban mu.


Na afei momfa mmarima dummienu mfiri Israel mmusuakuo no mu, abusuakuo biara mu nipa baako.


Monyiyi ɔman no mu mmarima dummienu, abusuakuo biara mu onipa baako,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios