Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 16:7 - Twerɛ Kronkron

7 na ɛfiri Yanoa siane kɔ Atarot ne Naarat, na ɛka Yeriko, na ɛkɔpem Yordan ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Efi Yanoa a, ɛdan fa anafo fam kɔ Atarot ne Naara, ɛka Yeriko, na akɔpem Asubɔnten Yordan.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 na ɛfiri Yanoa siane kɔ Atarot ne Naarat, na ɛka Yeriko, na ɛkɔpem Yordan ano.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛfiri Yanoa a, ɛdane fa anafoɔ fam kɔ Atarot ne Naara, ɛka Yeriko, na akɔpem Asubɔnten Yordan.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 na efi Yanoa sian kɔ Atarot ne Naarat, na ɛka Yeriko, na ɛkɔpem Yordan ano.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 16:7
6 Referencias Cruzadas  

Na wɔn agyapadeɛ ne wɔn tenabea ne Betel ne ɛho nkurowa, ne apueeɛ fam Naaran ne atɔeɛ fam Geser ne ɛho nkurowa ne Sekem ne ɛho nkurowa kɔduru Asa ne ɛho nkurowa.


Na wɔtu firii Abarim mmepɔ so kɔkyeree nsraban Moab mpaperɛ so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.


na ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ atɔeɛ wɔ Mikmetat, atifi fam, na ɛkonton kɔ apueeɛ wɔ Taanat-silo, na ɛsiane ho kɔ Yanoa apueeɛ,


ɛnna nsuo a ɛfiri atifi ba no gyina bɔɔ kuo baako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsuo a ɛsiane kɔ mpaperɛ mu po a ɛne Nkyene-po no mu no twa wiee koraa. Na ɔman no twae, Yeriko ntentensoɔ.


Na Yeriko deɛ, na wɔato mu na wɔabram ano Israelfoɔ no anim. Obi mfiri adi, na obi mma mu.


Na Yosua kaa ntam saa berɛ no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekyere Yeriko kuro yi, AWURADE anim: Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ aseɛ, na ɔde ne ba akumaa na ɛbɛsisi ano apono.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios