Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 15:10 - Twerɛ Kronkron

10 Na ɛhyeɛ no konton firi Baala kɔ atɔeɛ, Seir bepɔ ho, na ɛsene kɔ Har-yearim, (ɛne Kesalon), nkyɛn mu wɔ atifi fam; na ɛsiane kɔ Bet-semes, na ɛsene kɔ Timna;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ɔhye no twa fa Baala ho wɔ atɔe fam kosi bepɔw Seir so, ɛkɔ ara kosi Kesalon kurom wɔ bepɔw Yearim atifi nsian so, na akɔ fam akosi Bet-Semes ne Timna.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɛhyeɛ no konton firi Baala kɔ atɔeɛ, Seir bepɔ ho, na ɛsene kɔ Har-yearim, (ɛne Kesalon), nkyɛn mu wɔ atifi fam; na ɛsiane kɔ Bet-semes, na ɛsene kɔ Timna;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛhyeɛ no twa fa Baala ho wɔ atɔeɛ fam kɔsi bepɔ Seir so, ɛkɔ ara kɔsi Kesalon kurom wɔ bepɔ Yearim atifi nsianeɛ so, na akɔ fam akɔsi Bet-Semes ne Timna.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na ɔhye no kɔntɔn fi Baala kɔ atɔe, Seir bepɔw ho, na ɛsen kɔ Har-yearim, ɛne Kesalon, nkyɛn mu wɔ benkum fam; na esian kɔ Bet-semes, na ɛsen kɔ Timna;

Ver Capítulo Copiar




Yosua 15:10
12 Referencias Cruzadas  

Na Dawid sɔreeɛ, na ɔne dɔm a wɔka ne ho nyinaa kɔ kɔfirii Baale-yuda, sɛ wɔrekɔfa Nyankopɔn apam adaka a wɔbɔ din a ɛyɛ asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no din wɔ soɔ no afiri hɔ aba.


Na Amasia antie. Ɛnna Israelhene Yehoas foro baeɛ, na wɔbɛhyiaam koe, ɔno ne Yudahene Amasia wɔ Bet-semes a ɛyɛ Yuda dea hɔ.


Na Filistifoɔ nso abɛgu mpaperɛ so ne Yuda anafoɔ fam nkuro so, na wɔagye Bet-semes ne Ayalon ne Gederot ne Soko ne ɛho nkurowa ne Timna ne ɛho nkurowa ne Gimso ne ɛho nkurowa, na wɔtenatenaa hɔ.


na ɛhyeɛ no pue kɔ Ekron nkyɛn mu atifi fam na ɛhima kɔ Sikron, na ɛtwam kɔ Baala bepɔ no so, na ɛpue kɔ Yabneel; na ɛhyeɛ no kɔpem ɛpo no ano.


Kain, Gibea ne Timna: Nkuro du ne ɛho nkuraa.


Yiron, Midgal-el, Horem, Bet-anat ne Bet-semes: Nkuro dunkron ne ɛho nkuraa.


ne Ain ne ɛho asase, ne Yuta ne ɛho asase, ne Bet-semes ne ɛho asase: Mmusuakuo mmienu yi mu nkuro nkron.


Na Samson siane kɔɔ Timna, na ɔkɔhunuu ɔbaa bi wɔ Timna a ɔyɛ Filistifoɔ mmammaa no bi.


Na Samson ne n’agya ne ne na sii mu kɔɔ Timna. Na wɔduruu Timna bobe nturo ho, na hwɛ, gyataburuwa bi boboom hyiaa no.


Na monhwɛ, sɛ ɛfa ɛno ara ne hyeɛ so kwan foro kɔ Bet-semes a, ɛnneɛ na ɔno na ɔyɛ yɛn bɔne kɛseɛ yi; na sɛ anyɛ saa a, na yɛahunu sɛ ɛnyɛ ɔno na ne nsa ha yɛn, na asiane bi na asiane yɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios