Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yosua 10:2 - Twerɛ Kronkron

2 ne sɛ Gibeonfoɔ ne Israel adi asomdwoeɛsɛm na wɔaba wɔn mu no, wɔsuroo papaapa, ɛfiri sɛ Gibeon yɛ kuro kɛseɛ te sɛ ahennie nkuro no bi, na ɛso sene Ai, na emu mmarima nyinaa yɛ nnɔmmarima.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛno nti, ɔne ne nkurɔfo bo tuu yiye, efisɛ Gibeon yɛ kuropɔn kɛse te sɛ ahemman no nkuropɔn no bi a ɛso sen Ai. Na Gibeon mmarima no nyinaa nso yɛ akofo a wɔyɛ den.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 ne sɛ Gibeonfoɔ ne Israel adi asomdwoeɛsɛm na wɔaba wɔn mu no, wɔsuroo papaapa, ɛfiri sɛ Gibeon yɛ kuro kɛseɛ te sɛ ahennie nkuro no bi, na ɛso sene Ai, na emu mmarima nyinaa yɛ nnɔmmarima.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛno enti, ɔne ne nkurɔfoɔ bo tuu yie, ɛfiri sɛ, Gibeon yɛ kuropɔn kɛseɛ te sɛ ahemman no nkuropɔn no bi a ɛso sene Ai. Na Gibeon mmarima no nyinaa nso yɛ akofoɔ a wɔyɛ dene.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 ne sɛ Gibeonfo ne Israel adi asomdwoesɛm na wɔaba wɔn mu no, wosuroe papaapa, efisɛ Gibeon yɛ kurow kɛse te sɛ ahenni nkurow no bi, na ɛso sen Ai, na emu mmarima nyinaa yɛ nnɔmmarima.

Ver Capítulo Copiar




Yosua 10:2
16 Referencias Cruzadas  

Na Yoab ne Amonfoɔ a wɔwɔ Raba koe, na ɔgyee ahenkuro no.


Ɔbɔnefoɔ adeɛ a ɔsuro ara na ɛbɛba ne soɔ, na ateneneefoɔ adeɛ a wɔpɛ no, wɔbɛma wɔn.


Obiara rentumi nnyina mo anim; AWURADE mo Nyankopɔn de mo ho hu ne mo ho suro bɛgu asase a mobɛfa soɔ nyinaa so, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.


Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mede wo ho suro ne wo ho hu magu soro nyinaa ase aman a wɔbɛte wo nka soɔ, na wɔn ho apopo na wɔn akoma atu w’anim.


Na asase so aman nyinaa bɛhunu sɛ wɔde AWURADE din na afrɛ woɔ, na wɔbɛsuro wo.


na mmom deɛ aka ne atemmuo akwanhwɛ a ɛyɛ hu bi, ne ogya a ɛrebɛhye atamfoɔ no pasaa.


Onyankopɔn a ɔte aseɛ no nsa mu hweɛ yɛ hu.


na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofoɔ nyinaa akoma atu wɔ yɛn anim.


Na wɔbuaa Yosua sɛ: Ampa ara, wɔka kyerɛɛ wo nkoa sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asase no nyinaa mma mo na ɔnsɛe asase no sofoɔ nyinaa mfiri mo anim no, na mo nti yɛsuroo yɛn nkwa ho papaapa, enti na yɛdii saa asɛm yi.


Na Gibeonfoɔ tee deɛ Yosua yɛɛ Yeriko ne Ai no,


Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Sɛ manya w’anim animuonyam a, ma wɔmma me tenabea bi wiram nkuro no bi mu, na menkɔtena hɔ: Na adɛn nti na w’akoa ne wo ntena ahenkuro mu?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios