Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yona 4:6 - Twerɛ Kronkron

6 Na AWURADE Nyankopɔn siesiee adedenkruma, na ɛfefɛ kataa Yona so maa n’atifi nyaa enwunu, sɛ ɛnyi no mfiri n’ahohiahia no mu. Na Yona ani gyee adedenkruma no ho kɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na Awurade Nyankopɔn maa dua bi a ɛwɔ nhaban pii nyin ntɛmntɛm wɔ nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahotɔ, na nʼani gyee dua no ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na AWURADE Nyankopɔn siesiee adedenkruma, na ɛfefɛ kataa Yona so maa n’atifi nyaa enwunu, sɛ ɛnyi no mfiri n’ahohiahia no mu. Na Yona ani gyee adedenkruma no ho kɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na Awurade Onyankopɔn maa bobe dua bi nyinii ntɛm ntɛm wɔ nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahomeka, na nʼani gyee dua no ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na AWURADE Nyankopɔn siesiee adedenkuruma, na ɛfefɛw kataa Yona so ma n’atifi nyaa onwini, sɛ enyi no mfi n’ahohia no mu. Na Yona ani gyei adedenkuruma no ho kɛse.

Ver Capítulo Copiar




Yona 4:6
11 Referencias Cruzadas  

Ɛnna da no Haman de anigyeɛ ne akoma pa firii adie, na Haman hunuu Mordekai ɔhene ponkɛseɛ no mu sɛ wansɔre na wanka ne ho koraa n’anim no, ne bo fuu Mordekai sɛ.


Sɛ akoa pere onwunu ho ne sɛ ɔpaani hwɛ n’apaadeɛ kwan no,


Wode w’ani bɛsi deɛ ɛnni hɔ so anaa? Na ahonyadeɛ fu ntaban tu sɛ ɔkɔdeɛ a ɔtu kɔ soro.


Na Hesekia nyaa wɔn ho anigyeɛ, na ɔkyerɛɛ wɔn n’adekoradan, dwetɛ ne sika, ne nnuhwam ne ngo pa, ne n’akodeɛdan nyinaa ne deɛ wɔhunu no n’adekora adan mu nyinaa; biribiara nni ne fie ne n’ahemman mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.


Mo a mo ani gye Lo-debar ho na moka sɛ: Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde agye Karnaim mmɛn afa?


Nso na AWURADE asiesie apataa kɛseɛ bi sɛ ɔmmene Yona. Na Yona dii apataa no yam nnansa awia ne anadwo.


Na Yona firii adi firii kuro no mu, na ɔkɔtenaa kuro no apueeɛ, na ɔbɔɔ sese hɔ, na ɔtenaa aseɛ enwunu no mu sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛhunu adekodeɛ a ɛbɛyɛ kuro no.


Na adeɛ kyeeɛ a owia reba abɛpue no, Onyankopɔn siesiee aboaa bi maa no fitii adedenkruma no mu maa no poe.


Nanso yei mu deɛ, mommma mo ani nnnye sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo; na mmom, momma mo ani nnye sɛ wɔatwerɛ mo din ɔsoro.


na wɔn a wɔresu nyɛ sɛdeɛ wɔnsu, na wɔn a wɔn ani agyeɛ nyɛ sɛdeɛ wɔn ani nnyeɛ, na wɔn a wɔtɔ nyɛ sɛdeɛ wɔnni hwee,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios