Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yona 3:6 - Twerɛ Kronkron

6 Na asɛm no duruu Ninewe hene nkyɛn no, ɔsɔre firii n’adwa so, na ɔyii ne ngusoɔ guu hɔ na ɔfiraa ayitoma, na ɔtenaa nso mu,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Bere a Ninewehene tee asɛm no, ɔsɔre fii nʼahengua so, ɔworɔw nʼahentade, ofuraa atweaatam, na ɔtenaa mfutuma mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na asɛm no duruu Ninewe hene nkyɛn no, ɔsɔre firii n’adwa so, na ɔyii ne ngusoɔ guu hɔ na ɔfiraa ayitoma, na ɔtenaa nso mu,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛberɛ a Ninewehene tee asɛm no, ɔsɔre firii nʼahennwa so, ɔworɔɔ nʼahenetadeɛ, Ɔfiraa ayitoma, na ɔtenaa mfuturo mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na asɛm no duu Niniwe hene nkyɛn no, ɔsɔre fii n’agua so, na oyii ne nguguso guu hɔ na ofuraa atweaatam, na ɔtenaa nso mu,

Ver Capítulo Copiar




Yona 3:6
20 Referencias Cruzadas  

Na Ahab tee nsɛm yi no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma firaeɛ, na ɔdii abuada, na ɔdaa ayitoma no mu, na n’anim yɛɛ samoo.


Na ɔfaa kyɛmferɛ bi sɛ ɔde redwi ne ho na ɔtenaa nso mu.


Saa nti na mepo me ho na menu me ho, dɔteɛ ne nso mu.


wɔfirafira ayitoma, wɔn mmorɔno so, na wɔn adan atifi ne wɔn mpraeɛ so, wɔn nyinaa retwa adwo su pii.


Se ɔhene ne ɔhemmaa no sɛ: Mommrɛ mo ho ase ntena ase, na mo animuonyam abotire afiri mo atifi atɔ.


Na Mikaia kaa nsɛm a Baruk rekenkan nwoma no agu ɔman no aso mu no ɔteeɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.


Na wɔn akoma antu, na ɔhene ne ne nkoa a wɔtee nsɛm yi nyinaa no nyinaa ansunsuane wɔn ntadeɛ mu.


O me man babaa, fira ayitoma na yantam nso mu; twa adwo a ɛte sɛ ɔbakorɔ ho deɛ, twa agyaadwo a ɛyɛ ya, ɛfiri sɛ mpofirim na ɔsɛefoɔ bɛba yɛn soɔ.


Sion babaa mpanimfoɔ tete fam ayeyɛ komm; wɔde dɔteɛ agugu wɔn atifi, wɔafirafira ayitoma; Yerusalem mmabaa asisi wɔn tiri ase.


ma no mfa n’ano mmutu dɔteɛ mu, ebia na anidasoɔ bi wɔ hɔ;


Na ɛpo so aberempɔn nyinaa refiri wɔn adwa so asianesiane, na wɔayiyi wɔn ngusoɔ, na wɔaworɔworɔ wɔn nkyeremu atadeɛ, na wɔafira ahopopoɔ atenatena fam, na wɔn ho apopo berɛ nyinaa mu, na wo nti wɔn ho adwiri wɔn.


Monnka nnkyerɛ Gat, esu nso monnkɔsu; Bet-leafra na monyantam mfuturo mu.


Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakyera wɔn adwene ayitoma ne nso mu dada.


Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ ahoɔdenneɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔtenatenaa ayitoma ne nso mu sakyeraa wɔn adwene ntɛm ara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios